Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/01 kr. 1
  • ‘Momma Yɛnyɛ Adepa’ Bere Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Momma Yɛnyɛ Adepa’ Bere Nyinaa
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mpa Abaw Wɔ Papayɛ Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Bata Yehowa Ahyehyɛde No Ho
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anigye Mu
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Yɛn Ankasa Mmɔdenbɔ So Aba A Yebetwa
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 6/01 kr. 1

‘Momma Yɛnyɛ Adepa’ Bere Nyinaa

1 Woyɛɛ adepa bere a edi kan a wobɛyɛɛ Yehowa Nyankopɔn somfo no. Nanso, seesei nsɛnnennen no ne sɛ wobɛkɔ so ayɛ ‘adepa’ wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. (Gal. 6:9) Ɛwom sɛ eyi yɛ nna fam de, nanso wubetumi ayɛ. Ɔkwan bɛn so?

2 Nya Yesu Adwene no Bi: Sɛ woma Ahenni anidaso no kɔ so tra w’adwenem te sɛ nea Yesu yɛe no a, wubetumi agyina nsɛnnennen ano. (Heb. 12:2, 3) Nya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ wo na ɔpɛ sɛ wudi nkonim. (2 Pet. 3:9) Nya ne mu ahotoso kɛse, na nya awerɛhyem sɛ ɔbɛboa wo. (1 Kor. 10:13) Bɔ mpaebɔ daa, na srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na gyina mu. (Rom. 12:12) Ma w’ani nnye na nya awerɛhyem sɛ sɛ wokɔ so gyina mu a, wubenya Onyankopɔn anim dom. (Rom. 5:3-5) Kɔ a wobɛkɔ so ‘anya Kristo Yesu adwene no bi’ no bɛma woanya abotɔyam na woama Yehowa nso ani agye.—Rom. 15:5; Mmeb. 27:11.

3 Mmrɛ Wɔ Papayɛ Mu: Di nsiesiei a Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo na ama wɔatumi ayɛ adepa no akyi pɛpɛɛpɛ. Yɛ nhyehyɛe a edi mu fa kenkan Onyankopɔn Asɛm no daa na sua Bible ho nhoma ahorow a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no de ama no. Bɔ mmɔden siesie wo ho ma nhyiamkɔ biara na fa wo ho hyɛ asafo nhyiam no nyinaa mu. Ɛne wo honhom fam anuanom nni nkitaho wɔ bere a yɛrebefi Kristofo nhyiam horow no ase ne bere a yɛapɔn no nyinaa. Yɛ wo som adwuma no ho nhyehyɛe pa na ama wode bere pii ayɛ asɛnka adwuma no na ama woatu mpɔn wɔ ɔkwan a wofa so ka asɛmpa no kyerɛ afoforo mu.

4 Saa kwan yi so na wubetumi afa ayɛ adepa bere nyinaa na woanya anigye pii bere koro no ara. Ɛdefa eyi ho no, onua bi a ɛwɔ Italy kae sɛ: “Sɛ ade sa na mifi asɛnka ba fie a, mete nka sɛ mabrɛ. Nanso, m’ani gye na meda Yehowa ase sɛ wama manya anigye a obiara ntumi nnye mfi me nsam.” Enti, wo nso yɛ adepa bere nyinaa na woanya anigye kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena