Wubetumi Akɔsom Faako a Mmoa Ho Hia Kɛse?
1 Woasusuw ho pɛn sɛ wobɛkɔ akɔsom baabi a Ahenni adawurubɔfo ho hia kɛse no? Sɛ wɔfrɛ wo sɛ “twa bra . . . bɛboa” a, wobɛyɛ w’ade te sɛ ɔsomafo Paulo? (Aso. 16:9, 10) Wɔ asafo pii mu no, wohia mmusua a wɔn ho akokwaw honhom mu, akwampaefo a wɔbɛboa ma wɔayɛ wɔn asasesin mu adwuma, mpanyimfo ne asomfo a wɔfata ma wɔadi asafo no anim. Ebia nkurow nketewa pii a ɛwowɔ akyirikyiri na ɛka bom yɛ asasesin no. Ebetumi aba sɛ Ahenni Asa a ɛbɛn kakra no mpo wɔ akyiri. Ebetumi aba sɛ nnwuma ho yɛ na wɔ hɔ. Ɛnyɛ bere nyinaa na wim tebea betumi ayɛ papa. So wobɛpɛ sɛ wokɔ mmeae a ɛtete saa no? Wobɛyɛ dɛn atumi adi ɔhaw a ɛte saa ho dwuma?
2 Gyidi ne Ahotoso Ho Hia: Ɛdenam Onyankopɔn akwankyerɛ so no, Abram ne ne yere, ne wɔfase, ne ne papa Tera a na wabɔ akora no fii wɔn kurow Ur mu twaa kwan kilomita 1,000 kɔɔ Haran. (Gen. 11:31, 32; Neh. 9:7) Bere a Tera wui no, Yehowa ka kyerɛɛ Abram a saa bere no na wadi mfe 75 no sɛ ɔne n’abusua no ntu mfi Haran nkɔ kurow a Onyankopɔn bɛkyerɛ wɔn no mu. Abram, Sarai, ne Lot ‘fii hɔ sɛ wɔrekɔ.’ (Gen. 12:1, 4, 5) Nokwasɛm ne sɛ, na ɛnyɛ Abram adwene ne sɛ ɔrekɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. Nanso, na ne kɔ no bɛhwehwɛ sɛ ɔyɛ biribi. Dɛn ade?
3 Na egye gyidi na Abram atumi atu kwan a ɛte saa. Na ɛsɛ sɛ ɔsesa ne nsusuwii ne n’asetra. Na ɛsɛ sɛ ofi n’abusua a ahobammɔ wom no mu. Nanso, onyaa ahotoso sɛ Yehowa bɛbɔ ɔne ne fiefo ho ban. Ɛnnɛ, nnipa pii anya Yehowa mu ahotoso saa ara.
4 Bere Tiaa Mu Dwumadi: So woanya nhyira pii a efi asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma mu ba no bi pɛn? Wɔ afe a etwaam no, asafo 183 yɛɛ asasesin 206 a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu adwuma wɔ Ghana. Afei nso, adawurubɔfo 269 somee sɛ bere tiaa mu akwampaefo atitiriw wɔ asafo 94 mu ma wotumi yɛɛ asafo no asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma no mu adwuma. Wɔ ebinom fam no, na ɛsɛ sɛ wotu kwan tenten na wɔakɔ mmeae a ɛtete saa. So wonyaa so mfaso?
5 Onua bi a ɔwɔ California, U.S.A., a ɔkɔɔ Utah no kyerɛwee sɛ: “Bere a edi kan a wɔka kyerɛɛ me sɛ me ne kuw bi nkɔyɛ adwuma wɔ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma mu no, na mempɛ sɛ mekɔ. Nanso, mepenee so sɛ mɛkɔ. Adwuma a ɛte saa amma mannu me ho, na mmom asesa m’asetra. Meda Yehowa ase daa sɛ minyaa hokwan yɛɛ adwuma a ɛte saa no bi.” Onua bi a ofi Accra kɔɔ Atifi Apuei fam Mantam mu no kae sɛ ɛyɛɛ suahu a ɛyɛ anigye paa ma enti ɔpɛ sɛ ɔsan kɔ bio. Onua foforo a ɔkɔɔ Pakro wɔ Apuei fam Mantam mu no kae sɛ: “Na ɛyɛ hokwan kɛse ne bere a minyaa anigye paa wɔ me som adwuma no mu!” Adawurubɔ dodow no ara ka sɛ baabi a mmoa hia kɛse a wɔkɔsomee wɔ bere tiaa bi mu mpo no maa wonyaa ɔsom adwuma no ho anisɔ kɛse. Ɛne wɔn a wɔayɛ bi pɛn no mmɔ ho nkɔmmɔ. Wubehu sɛ wonyaa honhom fam nkɔso pii na akyinnye biara nni ho sɛ sɛ wonya hokwan no a, wɔbɛsan akɔ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya adwuma yi mu kyɛfa no nyinaa bisa ho kwan asram abiɛsa ansa na bere no aso.
6 Hokwan foforo betumi abue ama wɔn a wɔkɔyɛ ɔsom adwuma no bere tiaa mu wɔ faako a mmoa hia kɛse no. Wɔn a wɔyɛ saa no betumi anya osuahu a ɛbɛboa wɔn ma ‘wɔabu akontaa’ na wɔatumi atu akɔtra ɔman no mu beae foforo.—Luka 14:28.
7 Yehowa pɛ sɛ yɛka asɛmpa no wɔ “wiase nyinaa” ansa na awiei no aba. (Mat. 24:14) Esiane eyi nti, sɛ wubetumi a, wobɛpɛ sɛ wobɛkɔ akɔboa wɔ faako a mmoa ho hia kɛse no? Mmoa ho hia wɔ mmeae pii.
8 Faako a Mmoa Ho Hia Kɛse a Wobɛkɔ: So wokɔ pɛnhyɛn? So wutumi nya sika a wode hwɛ wo ho daa? Sɛ ɛnte saa a, so wubetumi ayɛ w’ankasa adwuma bi? Wubetumi ayɛ telefon ne kɔmputa adwuma anaa adwuma bi a wode wo bere fa bɛyɛ wɔ beae foforo? Sɛ wuntumi ntu nkɔ baabi a, so wubetumi aboa wo busuani bi ma wakɔsom wɔ baabi?
9 Sɛ wode mpaebɔ susuw ho wie na wuhu sɛ wubetumi atu akɔ faako a mmoa ho hia kɛse no a, ɛne w’abusua ne asafo mu mpanyimfo mmɔ ho nkɔmmɔ. Afei, kyerɛw krataa ma mpanyimfo no ma wɔnkyerɛw biribi mfa wo ho ansa na akɔ baa dwumadibea.
10 Dɛn na wubetumi aka ho asɛm wɔ wo krataa no mu? Mfe a woadi, bere a wobɔɔ asu, dwumadi a wowɔ wɔ asafo no mu, sɛ woaware anaasɛ wonwaree, ne sɛ ebia wowɔ mmofra nkumaa anaasɛ wunni bi. Kyerɛ amantam anaa mmeae a wopɛ sɛ wokɔsom sɛnea wo tebea bɛma wo kwan. Sɛ nhwɛso no, so wubetumi asom wɔ mmeae a owia bɔ kɛse na osu taa tɔ no? So wubetumi atra mmeae a mmepɔw wɔ? Wutumi ka wo man mu kasa foforo ka wo de ho?
11 So wowɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobɛyɛ adwuma no? So wo tebea bɛma kwan ma woakɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse? Sɛ saa a, ɛnde hwɛ sɛnea Yehowa kɔ so hyira wɔn a wonya ne mu ahotoso na wɔda ahofama kɛse adi no!—Dw. 34:8; Mal. 3:10.