Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/02 kr. 3
  • ‘Monyɛ Nnipa Nyinaa Yiye’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Monyɛ Nnipa Nyinaa Yiye’
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mommɔ Nneɛma Pa Ho Mmɔden!
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm Wie Koraa’
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • April—Bere a Ɛsɛ sɛ ‘Yɛyere Yɛn Ho Yɛ Adwumaden’
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • ‘Nya Wo Ho Wɔ Nnwuma Pa Fam’
    Yɛn Ahenni Som—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 4/02 kr. 3

‘Monyɛ Nnipa Nyinaa Yiye’

1 Na ‘Ka Onyankopɔn Asɛm Wie Koraa’ ne ‘Nya Wo Ho Wɔ Nnwuma Pa Fam’ (Kol. 1:25; 1 Tim. 6:18) yɛ nsɛmti a wɔde dii dwuma wɔ nkrataa a ɛhyɛ February ne March Yɛn Ahenni Som mu no mu. Wɔ saa nkrataa no mu no, wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ mmɔden kɛse sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔaba Nkaedi no ase, aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw ma wɔne asafo no asan abɔ bio, aboa yɛn mma ne Bible adesuafo a wɔfata ma wɔafi ase abɔ asɛmpa no ho dawuru. Akyinnye biara nni ho sɛ biribi afi mmɔdenbɔ kɛse a yɛabɔ no mu aba. Mprempren a “yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.”—Gal. 6:10.

2 To Nsa Frɛ Wɔn Ma Wɔnsan Mmra: Wɔ Ghana no, nnipa bɛboro 150,000 na wɔnyɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔba Nkaedi no ase afe biara. Esiane sɛ ba a wɔba no kyerɛ sɛ wɔwɔ anigye bi nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kanyan wɔn a ‘wɔpɛ daa nkwa’ no ma wɔbɛyɛ “gyidifo”? (Aso. 13:48) Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnsan mmra asafo nhyiam horow ntɛm ara.

3 Dɛn nti na wonto nsa mfrɛ onigyeni bi mma ɔmma Asafo Nhoma Adesua Ase mma ommenya Yesaia nkɔmhyɛ a yɛresusuw ho anigye so no mu kyɛfa? Sɛ woyɛ onipa no busuani anaa mmanifo na worebɛma ɔkasa wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu a, wubetumi ato nsa afrɛ no ma wabetie wo kasa no. Ma onhu baguam kasa horow a wɔbɛma wɔ adapɛn a ɛbɛba no mu no nsɛmti. (Ɛsɛ sɛ wɔde nea wɔbɛma a wɔahyehyɛ no bɔ amanneɛbɔ pon no so.) Hwehwɛ hokwan biara fa kanyan onipa no ma onnya Yehowa som ho anigye. Na nokwarem no, sɛ ɔne asafo no muni bi nsua Bible no dedaw a, wubetumi afi ayamye mu aka akyerɛ no sɛ wo ne no besua ade.

4 Kɔ So Hyɛ Wɔn a Wɔayɛ Mmerɛw no Nkuran: Wɔn a wɔba Nkaedi ase no mu pii ahyira wɔn ho so ama Yehowa dedaw. Nanso, eduu bere bi no, wogyaee asɛmpa no ka. Nanso, Paulo tuu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ wɔn a wɔyɛ gyidi fifo no titiriw yiye.’ (Gal. 6:10) Enti, ɛsɛ sɛ yedwen wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ho titiriw.

5 Ebia wɔn mu binom atie nkuranhyɛ a efi mpanyimfo ne afoforo hɔ sɛ wɔnsan mfi asɛnka ase bio no. Sɛ mpanyimfo no paw wo sɛ wo ne ɔdawurubɔfo a wɔasan akanyan no nyɛ adwuma a, hu sɛ ɔdɔ a w’ankasa wowɔ ma Yehowa ne asɛnka adwuma no bɛma onii no anya ahotoso. Kyerɛ no sɛnea woyɛ ɔsom adwuma no afã horow no na ama watumi anya mu anigye, wakɔ so ayɛ asɛnka adwuma no na wanya Yehowa nhyira.

6 Ma Adawurubɔfo Nnya Nhyɛase Pa: Bere a ɔbea onigyeni bi hui sɛ wahu Onyankopɔn nokware ahyehyɛde no, ɔpɛe sɛ ofi asɛnka ase ntɛm ara. Bere a ohuu nea wɔhwehwɛ fi ne hɔ no, ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ mifi ase ntɛm ara.” Sɛ wɔma obi a wo ne no resua Bible no kwan sɛ omfi asɛnka ase a, boa no ma onhu hia a ehia sɛ “ofi ase ntɛm ara no,” na ama ɔdawurubɔfo no anya nhyɛase pa. Boa no ma ɔnyɛ nhyehyɛe a ɔde besiesie ne ho ama asɛnka na wanya mu kyɛfa daa dapɛn biara.

7 Sɛ ɛyɛ wo ba ankasa na wabɛyɛ ɔdawurubɔfo foforo a wɔmmɔɔ no asu a, wo ne no nyɛ adwuma na ama wanya nkɔso sɛnea ne mfe ne n’ahoɔden te. Sɛ woboa no kakra a, sɛnea obetumi ne obi abɔ nkɔmmɔ yiye, akenkan Bible no, na ɔde nhoma ama no betumi ama wo ho adwiriw wo. Sɛ onya obi a otie no wɔ asɛnka mu a, tete no ma ɔnyɛ sankɔhwɛ na onni anigye no ho dwuma.

8 Trɛw W’ankasa Som Adwuma Mu: So wo nsɛm tebea ma wutumi yɛ asɛmpaka adwuma no kɛse wɔ Nkaedi bere no akyi mpo? So wubetumi de dɔnhwerew biako anaa abien aka nea wotaa de yɛ asɛnka adwuma dapɛn biara no ho? So worehwɛ bere a wubetumi asan ayɛ akwampaefo boafo no kwan? Anaasɛ wubetumi ayɛ nhyehyɛe wɔ w’asetra mu na wode wo ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu? Mmɔden a yɛbɔ wɔ asɛnka mu nyinaa no betumi aboa obi ma wagye nokware no! (Aso. 8:26-39) Bere a yɛhwɛ nna a ɛwɔ yɛn anim no, momma ‘yenni nea eye ma yɛn ho yɛn ho ne afoforo nyinaa no akyi.’—1 Tes. 5:15.

[Kratafa 3 adaka]

Kɔ So Boa:

□✔ Wɔn a wɔbaa Nkaedi no ase

□✔ Adawurubɔfo a wɔama wɔasan ayɛ den

□✔ Adawurubɔfo afoforo a wɔmmɔɔ wɔn asu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena