Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/02 kr. 1
  • So Wokɔ Asɛnka Daa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokɔ Asɛnka Daa?
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi a Wɔbɛyɛ no Afe 2010
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • ‘Aduan Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu’
    Yɛn Ahenni Som—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 8/02 kr. 1

So Wokɔ Asɛnka Daa?

1 “Mehyira wo daa nyinaa.” (Dw. 145:2a) Saa nsɛm yi da ɔdɔ kɛse a na odwontofo no wɔ ma Yehowa no adi. Sɛ́ Kristofo no, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛbɔ “ayeyi afɔre” ama Yehowa denam asɛnka a yɛbɛkɔ daa so. (Heb. 13:15) So woreyɛ saa? Esiane nneɛma ahorow bi nti, yɛn nuanom adɔfo bɛyɛ 8,000 a wɔwɔ Ghana ha ama asram mũ nyinaa apa wɔn ti so a wɔankɔ asɛnka! Nanso, wobetumi abɔ wɔn ho mmɔden.

2 Bere Nhyehyɛe Ho Hia: Bere nhyehyɛe pa a yɛbɛyɛ bɛma yɛatumi akɔ asɛnka dapɛn biara. Ehia sɛ yɛhwɛ kari pɛ wɔ teokrase nnwuma a ɛho hia ne nnwuma foforo a ehia no yɛ mu. Yɛ nhyehyɛe sɛ anyɛ yiye koraa no wode dɔnhwerew biako anaa abien bɛkɔ asɛnka wɔ dapɛn no mu. Afoforo betumi anya bere akɔ asɛnka anwummere. Sɛ wɔyɛ nsakrae bi a, pii betumi ne asafo no akɔ asɛnka Memeneda anaa Kwasida.—Mmeb. 21:5a.

3 Sɛ ayarefo di kan susuw nneɛma ho a, wobetumi adi wɔn a wɔbɛsra wɔn ne ayaresabea adwumayɛfo adanse bɔnnɔ so. (Fa toto Luka 21:2-4 ho.) Mmusua ti wɔ asɛyɛde a anibere wom sɛ wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛbom ayɛ adwuma daa wɔ asɛnka mu.—1 Tim. 3:4, 12.

4 Ɔkwan Bɛn So na Afoforo Betumi Aboa? Ehia sɛ nhoma adesua so ahwɛfo hu ɔhaw ahorow a adawurubɔfo a wɔnkɔ asɛnka daa hyia na wɔyɛ nhyehyɛe pɔtee de boa wɔn ma wɔkɔ asɛnka daa. (Mmeb. 27:23) Mpanyimfo afoforo, asafo mu asomfo, akwampaefo, ne adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw betumi aboa. Sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ boa saafo no a, fa ahobrɛase, boasetɔ ne ɔdɔ yɛ saa.—Mat. 11:29.

5 Akontaabu: Bɔ mmɔden sɛ wode w’akontaabu bɛma ntɛm wɔ ɔsram biara awiei. (Marko 6:30) Sɛ ɛsɛ sɛ wutu kwan wɔ ɔsram no mu a, hwɛ hu sɛ wode akontaabu biara a woanya no bɛma ansa na woakɔ.—Ɔsɛnk. 9:11.

6 Bere a wiase yi rebɛn n’awiei no, so ɔdɔ kanyan wo ma wunya nkwagye adwuma no mu kyɛfa daa? (1 Pet. 4:7; Rom. 10:10, 13, 14) Sɛ saa a, si wo bo sɛ wobɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔkɔ asɛnka ɔsram biara. Sɛ woma asɛnka adwuma no yɛ wo ade titiriw a, ‘wobɛkɔ so akyerɛkyerɛ na woaka asɛmpa no daa.’—Aso. 5:42.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena