Asɛmmisa Afã
◼ Bere bɛn na ɛfata sɛ wɔtew kuw bi a wɔka ɔman foforo so kasa?
Sɛ nnipa a wɔka ɔman foforo so kasa dɔɔso wɔ asafo bi asasesin mu a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ saa kasa no mu. (km-TW 7/02 kra. 1; km-TW 2/98 kra. 3-4) Ebetumi aba sɛ nnipa a wɔka ɔman foforo so kasa no dɔɔso yiye wɔ asafo ahorow abien anaa nea ɛboro saa nsasesin mu. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, amansin so ahwɛfo no de akwankyerɛ a ehia bɛma, na waboa asafo ahorow a ɛyɛ wɔn nsasesin no ma wɔayɛ biako wɔ asɛnka adwuma no mu. Bere ne bere mu no, wobetumi ayɛ baguam ɔkasa anaa Ɔwɛn-Aban Adesua ho nhyehyɛe de ahwɛ ahu nnipa dodow a wɔbɛba nhyiam ahorow a wɔyɛ wɔ ɔman foforo so kasa mu no.
Wobetumi atew kuw a wɔka ɔman foforo so kasa bere a wodu ahwehwɛde ahorow a edidi so yi ho no: (1) Adawurubɔfo ne anigyefo wɔ hɔ a wɔte asɛmpa no ase yiye wɔ saa kasa no mu. (2) Ɔpanyin anaa ɔsomfo a ɔfata wɔ hɔ a obedi anim ma wɔayɛ anyɛ yiye koraa no, nhyiam biako dapɛn biara. (3) Mpanyimfo kuw bi wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa kuw no. Sɛ wodu ahwehwɛde ahorow yi ho a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no bɔ baa dwumadibea no amanneɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ kuw a ɛte saa wɔ hɔ na ama wɔatumi de akwankyerɛ foforo ama.
Kuw dodow no ara fi ase denam Asafo Nhoma Adesua a wɔyɛ no dapɛn biara so. Akyiri yi, mpanyimfo no betumi apene so de nhyiam foforo aka ho, te sɛ Baguam Ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban Adesua. Wobetumi ayɛ Dwumadi a Ɛto so 2, 3, ne 4 no wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu wɔ sukuudan a ɛto so abien mu, na ɔpanyin anaa ɔsomfo a ɔfata na ɔte saa kasa no asom sɛ ɔfotufo. Nanso, kuw no bɛka asafo no ho wɔ ɔkyerɛkyerɛ kasa, Bible mu nsɛntitiriw, ne Ɔsom Nhyiam no mu. Wobetumi ayɛ asɛnka nhyiam nso ama kuw no.
Kuw no mufo nyinaa de biakoyɛ yɛ adwuma wɔ mpanyimfo kuw no akwankyerɛ ase. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no de akwankyerɛ a ɛkari pɛ ma na wodi anim ma wodi kuw no ahiade ho dwuma. Sɛ ɔmansin sohwɛfo no kɔsra asafo a ɛhwɛ kuw no so no a, ɔbɛyɛ nhyehyɛe ne kuw no nso ayɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhyɛ wɔn den wɔ honhom fam. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, kuw a wɔka ɔman foforo so kasa no betumi abɛyɛ asafo.