Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/03 kr. 8
  • Fa Kasa Kronn no Kyerɛkyerɛ Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Kasa Kronn no Kyerɛkyerɛ Afoforo
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kasa Kronn Ma Amanaman Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Woreka “Kasa Kronn” No Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Momma Kasa Kronn No Nka Mo Mmom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ka Kasa Kronn No Na Woatra Ase Daa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 1/03 kr. 8

Fa Kasa Kronn no Kyerɛkyerɛ Afoforo

1 Ɛmfa ho sɛ Yehowa Adansefo fi “aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa” pii mu no, wɔyɛ nnipa a biakoyɛ wɔ wɔn ntam, amanaman ntam onuayɛ kuw ankasa. (Adi. 7:9) Ɛyɛ biribi a ɛda nsow wɔ nnɛ wiase a emu apaapae no mu. Ɔkwan bɛn so na etumi ba saa? Efisɛ yɛka ‘kasa kronn.’—Sef. 3:9.

2 Nkɛntɛnso a Ɛyɛ Nwonwa: Dɛn ne kasa kronn yi? Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛfa Yehowa ne n’atirimpɔw ho mu ntease pa a yenya, titiriw nokware a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no. Sɛnea Yesu ka siei no, wɔnam asase so nhyehyɛe bi a aniwa hu, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” no so na ɛreda saa nokware yi di, na nea afi mu aba ne sɛ nnipa a ‘wofi aman ne kasa nyinaa mu’ regye nokware som atom.—Mat. 24:45; Sak. 8:23.

3 Sɛ nkurɔfo sua kasa kronn no a, ɛka wɔn ma wosiesie wɔn asetra ma ɛne Yehowa gyinapɛn ahorow hyia. Wosua sɛ ‘wɔbɛbom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.’ (1 Kor. 1:10) Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ nso ma wɔda abrabɔ pa a ɛho tew adi, wɔka nsɛm a ɛyɛ nokware, titiriw ɛdefa asɛmpa no a wɔka kyerɛ afoforo no ho. (Tito 2:7, 8; Heb. 13:15) Nsakrae a ɛyɛ nwonwa yi hyɛ Yehowa anuonyam.

4 Sɛ nhwɛso no, na ɔbarima bi a wɔde asɛmpa no kɔɔ ne nkyɛn wɔ nsɛmmisa pii, na wofi Bible mu buaa ne nyinaa. Nea ɔtee no kanyan no ma ofii ase suaa ade mprenu dapɛn biara, na ɔkɔɔ nhyiam ahorow. Gye a wogyee no fɛw so wɔ Ahenni Asa so no maa ne ho dwiriw no, efisɛ na wɔn a wɔwɔ hɔ no pii fi mmusua foforo mu. Wɔ bere tiaa bi mu no, ɔne ne yere yɛɛ nsakrae wɔ wɔn asetram na wɔbɔɔ wɔn asu. Efi saa bere no, waboa afoforo bɛyɛ 40, a n’abusuafo pii ka ho, ma wɔsom Yehowa. Ɛmfa ho sɛ wadi dɛm no, nnansa yi ara, ofii ase somee sɛ ɔkwampaefo.

5 Afoforo a Yɛbɛkyerɛkyerɛ Wɔn: Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no ama nnipa komapafo pii reyɛ wɔn asetra ne wɔn nsusuwii mu nhwehwɛmu. Te sɛ Yesu no, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛboa wɔn. Sankɔhwɛ ne Bible adesua a etu mpɔn yɛ nneɛma titiriw a ebetumi aboa nnipa komapafo ma wɔasua kasa kronn no.

6 Ɔkwan a aboa nnipa a wonni adagyew no kɛse ne sɛ wubegyina wɔn pon ano ne wɔn ayɛ Bible adesua tiawa amonom hɔ ara. (km-TW 5/02 kr. 1) So woasɔ eyi ahwɛ? Sɛ woreyɛ ahoboa akɔyɛ sankɔhwɛ a, paw asɛm bi a wɔka kyerɛ a ɛfa ofiewura no ho fi krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no mu. Wɔasiesie nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ krataa yi mu no pii ma wɔde asusuw Ahwehwɛde nhomawa anaa Nimdeɛ nhoma no ho tẽẽ. Bobɔ asɛm a wɔka kyerɛ no so sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi adan afi asɛm a wode befi nkɔmmɔbɔ ase no so akosusuw nkyekyɛm ahorow no ho a wommrɛ. Kenkan kyerɛwsɛm biako anaa abien fi nkyekyɛm no mu na munsusuw ho, na bisa asɛm bi fa nkɔmmɔbɔ no bra awiei. Ɛno bɛboa ma moakɔ nkyekyɛm a woayɛ w’adwene sɛ mubesusuw ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ mu no so.

7 Yehowa nkurɔfo renya nhyira pii esiane kasa kronn no a wɔasua nti. Ɛmmra sɛ yɛde nsi bɛboa afoforo ma wɔabɛka yɛn ho ma ‘yɛabɔ Yehowa din’ na ‘yɛde mmati koro asom no.’—Sef. 3:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena