Nhyehyɛe Foforo a Wɔayɛ Ama Ahenni Asa So Nhomakorabea Ahorow
Mfe pii ni na asafo horow a ɛwɔ wiase nyinaa anya wɔn Ahenni Asa so nhomakorabea a na kan no wɔfrɛ no Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea no so mfaso. Kan no na wosusuw sɛ ɛho hia sɛ asafo biara nya n’ankasa nhomakorabea. Nanso esiane sɛ mprempren asafo bɛboro biako na wohyia wɔ Ahenni Asa pii so, a wɔn mu binom yɛ asafo a wɔka ɔman foforo so kasa nti, ɛte sɛ nea eye paa sɛ yebenya Ahenni Asa so nhomakorabea biako a nhoma pii a wobetumi de adi dwuma nnɛ wom ma kasa horow a wohyiam wɔ Ahenni Asa biara so no. Wɔ Ahenni Asa horow a ɛwɔ asa a ɛboro biako fam no, ɛsɛ sɛ asa biara nya nhomakorabea biako ma kasa a wohyia hɔ no mu biara.
Yɛhwɛ kwan sɛ nhyehyɛe yi bɛma moanya kwan pii wɔ asa no so na atew ka so. Bio nso, asafo horow abien anaa abiɛsa nhomakorabea a wɔbɛka abom no bɛma wɔanya nhomakorabea a edi mu. Sɛ wɔka eyinom bom a, wobetumi de nhoma horow a ɛboro biako no asie, na akyiri yi sɛ wosi Ahenni Asa foforo a, wɔde adi dwuma. Sɛ Ahenni Asa no wɔ kɔmputa a Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM so hyɛ mu a, ɛso bɛba ebinom mfaso yiye.
Ɛsɛ sɛ onua biako, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, Teokrase Ɔsom Sukuu so ahwɛfo no mu biako na ɔhwɛ nhomakorabea no so. Ɛsɛ sɛ bere ne bere mu no ɔde nhoma a ɛfata ka nhoma a ɛwɔ hɔ no ho, na ɔkyerɛw emu biara mu fɛfɛɛfɛ de kyerɛ sɛ ɛyɛ Ahenni Asa so nhomakorabea no dea. Ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no pɛnkoro wɔ afe biara mu no, ɔhwehwɛ nhoma a ɛwɔ nhomakorabea no mu hwɛ sɛ ebi nyerae anaa, na ɔhwɛ hu sɛ nhoma horow no tebea ye. Ɛnsɛ sɛ wɔfa nhoma horow fi Ahenni Asa so nhomakorabea horow yi mu.
Asafo no mufo nyinaa kɔ so kyerɛ Ahenni Asa so nhomakorabea no ho anisɔ kɛse. Ɛmmra sɛ yɛbɛkyerɛ sɛ nsiesiei yi som bo ma yɛn ankasa, denam hwɛ a yɛbɛhwɛ so yiye na yɛde adi dwuma de ahwehwɛ “Onyankopɔn ho nimdeɛ” so.—Mmeb. 2:5.