Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/03 kr. 3-6
  • Amanaman Ntam Ahenni Asa Adansi Wɔ Europa Aman Bi So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amanaman Ntam Ahenni Asa Adansi Wɔ Europa Aman Bi So
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Som Retrɛw Wɔ Europa Apuei Fam
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nkɔso a Ɛba Ntɛmntɛm Ma Ntrɛwmu a Egye Ntɛmpɛ Ho Hia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Adan a Yesisi De Hyɛ Yehowa Anuonyam
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Ɛha na Yɛhyiam Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 5/03 kr. 3-6

Amanaman Ntam Ahenni Asa Adansi Wɔ Europa Aman Bi So

1 Wɔ mfe dudu a abɛsen mu no, wosiw Yehowa Adansefo adwuma no ano wɔ Europa aman pii so a Europa Apuei fam ka ho. Wɔ mmeae pii no na anohyeto ahorow no mu yɛ den. Na ɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ nhyiam wɔ baguam, na ɛkame ayɛ sɛ na hokwan biara nni hɔ sɛ wobetumi ahyiam wɔ Ahenni Asa so. Nanso, wɔ nnansa yi mfe mu no, ‘Yehowa ayɛ ade kɛse ama yɛn. Yɛn ani agye.’—Dw. 126:3.

2 Efi 1983 mu no, atirimɔden nhyɛso a na wɔde ba Yehowa Adansefo so no mu fii ase gowee. Eduu 1989 no, na Poland ne Hungary agye Yehowa Adansefo atom wɔ mmara mu. Wɔ 1991 mu no, wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu wɔ Russia. Efi saa bere no reba no, adwuma no anya nkɔso wɔ Russia ne kan Soviet Union adehyeman ahorow no mu. Wɔ March 1996 ne October 1998 ntam no, Sodikuw no penee bosea a wɔde besisi Ahenni Asa 359 a baa dwumadibea ahorow a ɛhwɛ Europa aman 11 bisae no so.

3 Bere a wohwɛ mfonini ahorow a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ Ahenni Som yi mu no, susuw anwonwade akɛse a Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo no ho hwɛ. (Dw. 136:4) Ma w’ani nnye sɛ wuhu sɛ wɔde ntoboa horow a anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa yi no redi dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara so, ma ɛne asɛm a Yesu kae a wayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane 13:35 no hyia: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”

4 Europa aman a wɔrenya nhyehyɛe a wɔayɛ de reboa ma wɔasisi Ahenni Asa horow wɔ aman a wɔn ho nso mu so mfaso no bi ne Romania, a efi July 2000 no wɔasisi Ahenni Asa 36 wɔ hɔ no. Esiane sɛ wɔnam ɔdan nsusuwso koro a wɔagye atom so resi Ahenni Asa dodow no ara a ɛwɔ Ukraine nti, wotumi sisii Ahenni Asa 61 wɔ afe 2001 mu, na wosisii 76 nso kaa ho wɔ 2002 mu. Ɛdenam ntoboa a woyi koguu Ahenni Asa Foto mu so no, wɔatumi asisi Ahenni Asa ɔhaha pii wɔ Bulgaria, Croatia, Macedonia, Moldova, Russia, ne Serbia ne Montenegro.

5 Ahenni Asa si wɔ aman bi so no nyɛ mmerɛw, ma enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden pii ansa na wɔatumi afi ɔdan no ankasa si ase. Mpɛn pii no ɛho nhyehyɛe no gye bere pii. Afei nso, ɛka a wɔbɔ wɔ Ahenni Asa ho wɔ saa beae no wɔ Europa no sõ kyɛn nea wɔbɔ wɔ Afrika ne South America mmeae pii no koraa. Nanso, esiane sɛ wɔn a wɔsom Yehowa dodow rekɔ anim kɛse nti, ɛho da so ara hia sɛ wosisi Ahenni Asa ɔhaha pii wɔ Europa aman a wɔn ho nso mu!

6 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehu sɛ ɛho abehia sɛ wosisi Ahenni Asa horow pii ntɛmntɛm saa! Sɛnea osuahu ahorow pii kyerɛ no, ɛde adanse a ɛkyɛn so ama wɔ mpɔtam a wɔasisi Ahenni Asa a ɛtete saa no. Wɔ mmeae bi no, aban mpanyimfo a wɔwɔ mpɔtam hɔ ani agye biakoyɛ su a wɔda no adi wɔ akwankyerɛ ahorow a ɛfa ɔdansi ho a wodi akyi no ho.

7 Yesaia hyɛɛ nkɔanim a na ɛbɛba nokware som mu wɔ saa bere yi mu no ho nkɔm. Onyankopɔn nam odiyifo no so ka siei sɛ: ‘Me, Yehowa, mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.’ (Yes. 60:22) Akyinnye biara nni ho sɛ ada adi sɛ mfe du a atwam no yɛ Yehowa bere ma nkɔanim wɔ Europa Apuei fam. Ɛmmra sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛboa ma wɔasisi Ahenni Asa ahorow pii wɔ aman ahorow so no so, denam ntoboa a yɛbɛkɔ so ayi agu Ahenni Asa Foto no mu so! Eyi bɛma wɔatumi asisi Ahenni Asa pii aka nea ɛwɔ aman a wɔn ho nso so no ho. Ɛbɛboa ma ɔsom kronn anya nkɔanim wɔ Europa mmeae pii na ayɛ adansedi de “akodu asase ano.”—Aso. 13:47.

[Kratafa 3 mfonini]

Ahenni Asa Kɛse Moscow, Russia

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4-6]

Ahenni Asa Foforo a Wɔasisi Wɔ Europa Apuei Fam

Strumica, Macedonia

Daruvar, Croatia

Sokal, Lviv Mantam mu, Ukraine

Bitola, Macedonia

Sofia, Bulgaria

Plovdiv, Bulgaria

Krasnooktyabriskiy, Maykop Mpɔtam, Russia

Bački Petrovac, Serbia ne Montenegro

Tlumach, Ivano-Frankivsk Mantam mu, Ukraine

Rava-Ruska, Lviv Mantam mu, Ukraine

Stara Pazova, Serbia ne Montenegro

Zenica, Bosnia ne Herzegovina

Sokal Lviv Mantam mu, Ukraine

Zhydachivl Lviv Mantam mu, Ukraine

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena