Onyankopɔn Din a Yɛbɛma Wɔahu
1. Nkɛntɛnso bɛn na Onyankopɔn din ankasa a nkurɔfo hu no betumi anya wɔ wɔn so?
1 Woyɛɛ w’ade dɛn bere a edi kan a wotee Onyankopɔn din no? Sɛnea nnipa pii yɛɛ wɔn ade no te sɛ nea ɔbea bi a ɔkaa eyi yɛe no: “Bere a edi kan a mihuu Onyankopɔn din wɔ Bible mu no, misui. Hu a mihui sɛ metumi ahu Onyankopɔn din ankasa de adi dwuma no kaa me koma paa.” Wɔ ne fam no, na Onyankopɔn din a ohui no yɛ ade titiriw a ɛma ohuu Yehowa sɛ obi ankasa a obetumi ne no anya abusuabɔ.
2. Dɛn nti na egye ntɛmpɛ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo Yehowa ho ade?
2 Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Afoforo Hu? Onyankopɔn din ma yehu ne su horow, n’atirimpɔw ne ne nnwuma. Ɛma yehu ne nkwagye nso. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa, NW] din no benya nkwa.” Paulo bisae sɛ, nanso ‘ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ no,’ bere a wonnii kan nsuaa Yehowa ho ade na wonnyaa ne mu gyidi? Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo de ntɛmpɛ ma afoforo hu Onyankopɔn din ne nea ɛkyerɛ nyinaa. (Rom. 10:13, 14) Nanso, biribi kɛse mpo wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛma wohu Onyankopɔn din.
3. Ade titiriw bɛn nti na yɛka asɛm?
3 Wɔ 1920 mfe no mu no, Onyankopɔn nkurɔfo huu amansan ho ɔsɛmpɔw a ɛfa Onyankopɔn tumidi a wɔbɛsan ho ne ne din a wɔbɛtew ho no ho wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Ansa na Yehowa bɛsɛe abɔnefo na wayi ahohorabɔ a wɔde aba ne din so afi hɔ no, ɛsɛ sɛ yɛma ‘wohu nokware a ɛfa ne ho no wɔ asase nyinaa so.’ (Yes. 12:4, 5; Hes. 38:23) Enti, ade titiriw a enti yɛka asɛm no ne sɛ yebeyi Yehowa ayɛ wɔ baguam na yɛatew ne din ho wɔ adesamma nyinaa anim. (Heb. 13:15) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa no bɛkanyan yɛn ma yɛanya adwuma a Onyankopɔn ahyɛ sɛ yɛnyɛ yi mu kyɛfa akosi ase.
4. Ɔkwan bɛn so na wɔde Onyankopɔn din ahu Yehowa Adansefo?
4 ‘Ɔman Ma Ne Din’: Wɔ 1931 mu no, yegyee din Yehowa Adansefo no toom. (Yes. 43:10) Efi saa bere no, Onyankopɔn nkurɔfo ama wɔahu Onyankopɔn din araa ma Proclaimers nhoma no ka wɔ kratafa 124 sɛ: “Wɔ wiase nyinaa no, wobu obiara a ɔtaa de Yehowa din di dwuma no ntɛm ara sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako.” So wohu wo saa? Ɛsɛ sɛ Yehowa papayɛ ho anisɔ ka yɛn ma ‘yehyira ne din,’ na yɛka ne ho asɛm bere biara a ɛfata.—Dw. 20:7; 145:1, 2, 7.
5. Ɔkwan bɛn so na yɛn abrabɔ ho asɛm wɔ Onyankopɔn din a ɛda yɛn so no mu?
5 Sɛ ‘ɔman ma ne din’ no, ɛsɛ sɛ yedi ne gyinapɛn ahorow so. (Aso. 15:14; 2 Tim. 2:19) Mpɛn pii no nea nkurɔfo di kan hu wɔ Yehowa Adansefo ho ne wɔn abrabɔ pa. (1 Pet. 2:12) Ɛnsɛ sɛ yenya ɔpɛ da sɛ yebegu ne din ho fĩ denam nnyinasosɛm pa a yebebu so, anaasɛ nneɛma foforo a yɛde bedi ne som kan wɔ yɛn asetra mu no so. (Lev. 22:31, 32; Mal. 1:6-8, 12-14) Mmom no, momma yɛmfa yɛn asetra nkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛanya sɛ Onyankopɔn din da yɛn so no.
6. Hokwan bɛn na yebetumi anya nnɛ ne daa nyinaa?
6 Ɛnnɛ, yehu sɛ Yehowa asɛm a ɔkae yi abam: “Efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu.” (Mal. 1:11) Momma yɛnkɔ so mma afoforo nhu nokware a ɛfa Yehowa ho no, na ‘yenhyira ne din kronkron no daa daa.’—Dw. 145:21.