Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/03 kr. 1
  • Monhyɛ Ahobrɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monhyɛ Ahobrɛase
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wohyɛ Ahobrɛase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yehowa Asomfo a Wɔbrɛ Wɔn Ho Ase Som Bo Ma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Nya Ahobrɛase Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • “Mebrɛ Me Ho Ase Koma Mu”
    “Bra Bedi M’akyi”
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 9/03 kr. 1

Monhyɛ Ahobrɛase

1 Oguanhwɛfo abarimaa bi de ne ho to Yehowa so di ɔkofoni kɛse bi so nkonim. (1 Sam. 17:45-47) Ɔdefo bi de boasetɔ gyina amanehunu ano. (Hiob 1:20-22; 2:9, 10) Onyankopɔn Ba no de ne nkyerɛkyerɛ ho anuonyam nyinaa ma N’agya. (Yoh. 7:15-18; 8:28) Wɔ nhwɛso yi biara mu no, ahobrɛase dii dwuma titiriw bi. Saa ara na nnɛ nso, ahobrɛase ho hia na yɛagyina nsɛm tebea ahorow a yehyia no ano.—Kol. 3:12.

2 Bere a Yɛreka Asɛm No: Sɛ Kristofo asomfo no, yefi ahobrɛase mu ne nnipa ahorow nyinaa kyɛ asɛmpa no, a yenni kan nnyina wɔn man a wofi mu, amammerɛ anaa abusua so mmu wɔn ntɛn. (1 Kor. 9:22, 23) Sɛ ebinom yɛ aniammɔnho anaa wofi ahantan mu po Ahenni nkrasɛm no a, yɛnnyɛ bi ntua ka, mmom no yɛde boasetɔ kɔ so hwehwɛ wɔn a wɔfata no. (Mat. 10:11, 14) Sɛ anka yɛde yɛn nimdeɛ anaa yɛn nhomasua bɛma afoforo ani agye yɛn ho no, yɛtwe wɔn adwene kɔ Onyankopɔn Asɛm so, a yenim sɛ ɛdan ti sen biribiara a ebia yɛn ankasa bɛka no. (1 Kor. 2:1-5; Heb. 4:12) Yɛde ayeyi nyinaa ma Yehowa de suasua Yesu.—Marko 10:17, 18.

3 Wɔ Asafo no Mu: Ɛsɛ sɛ Kristofo ‘fura ahobrɛase na wɔsom wɔn ho wɔn ho’ nso. (1 Pet. 5:5) Sɛ yebu afoforo kyɛn yɛn ho a, yɛbɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so asom yɛn nuanom sen sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ wɔnsom yɛn. (Yoh. 13:12-17; Fil. 2:3, 4) Yɛrente nka sɛ nnwuma te sɛ Ahenni Asa so asiesie no ba fam ma yɛn.

4 Ahobrɛase boa yɛn ma ‘yekurakura yɛn ho mu ɔdɔ mu’ na ɛno ma asomdwoe ne biakoyɛ tra asafo no mu. (Efe. 4:1-3) Ɛboa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wonni anim no ase. (Heb. 13:17) Ɛkanyan yɛn ma yegye afotu anaa nteɛso biara a wɔde ma yɛn no tom. (Dw. 141:5) Na ahobrɛase ka yɛn ma yɛde yɛn ho to Yehowa so bere a yedi asɛyɛde biara a ebia wɔde bɛhyɛ yɛn nsa wɔ asafo no mu ho dwuma no. (1 Pet. 4:11) Te sɛ Dawid no, yehu sɛ nkonimdi nnyina nnipa mmɔdemmɔ so, na mmom, Onyankopɔn nhyira so.—1 Sam. 17:37.

5 Wɔ Yɛn Nyankopɔn Anim: Nea ɛkyɛn ne nyinaa no, ɛsɛ sɛ ‘yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Onyankopɔn tumi nsa no ase.’ (1 Pet. 5:6) Sɛ yɛreko atia tebea ahorow a emu yɛ den a, ebia yɛn kɔn bɛdɔ ahotɔ a Ahenni no de bɛba no. Nanso yefi ahobrɛase mu da boasetɔ adi de twɛn Yehowa ma ɔma ne bɔhyɛ ahorow bam wɔ bere a wahyɛ mu. (Yak. 5:7-11) Sɛnea na ɛte wɔ mũdi mu kurafo Hiob fam no, nea ehia yɛn titiriw ne sɛ ‘nhyira bɛka Yehowa din.’—Hiob 1:21.

6 Odiyifo Daniel ‘brɛɛ ne ho ase ne Nyankopɔn anim’ na onyaa Yehowa anim dom ne ɔsom hokwan pii. (Dan. 10:11, 12) Ɛmmra sɛ, yɛn nso bɛhyɛ ahobrɛase saa ara, a yenim sɛ “nea edi ahobrɛase ne [Yehowa, NW] suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.”—Mmeb. 22:4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena