Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/04 kr. 1
  • ‘Monnɔ Yehowa, Mo a Mudi no Nokware Nyinaa’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Monnɔ Yehowa, Mo a Mudi no Nokware Nyinaa’
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi Mfa Nkae Me”
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Boa Afoforo ma Wonnya Agyede no So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi” Nkaedi a Yɛbɛyɛ no April 5
    Yɛn Ahenni Som—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 3/04 kr. 1

‘Monnɔ Yehowa, Mo a Mudi no Nokware Nyinaa’

April 4 na Yɛbɛkae Yesu Wu No

1 Mfe pii a atwam a na Komunisfo di Ukraine so no, na aban mpanyimfo no tetɛw yɛn nuanom, titiriw bere a na da a wobedi Awurade Anwummeduan rebɛn no—efisɛ na wɔpɛ sɛ wohu faako a wohyiam no. Eyi yɛɛ ɔhaw maa wɔn bere nyinaa efisɛ na aban mpanyimfo no nim da a wodi afahyɛ no. Ná dɛn na anuanom betumi ayɛ? Na onuawa bi wɔ dan bi a ɛhyɛ ɔdan ase a nsu taa mu. Esiane sɛ na aban mpanyimfo no nhwɛ kwan sɛ nnipa behyiam wɔ hɔ nti, anuanom yɛɛ apa bi wɔ nsu a sɛ wugyina mu a, edu wo nkotodwe no mu. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ asafo no tra ase kuntun wɔn mu wɔ apa no so wɔ dan a ne nsɛmso wɔ fam no mu de, nanso obiara anhaw wɔn bere a na wɔde anigye reyɛ Nkaedi no.

2 Si a yɛn nuanom a wɔwɔ Ukraine sii wɔn bo sɛ wobedi ahyɛde a ɛne sɛ yɛnkae Yesu wu no yɛ anwonwakwan a wɔfaa so daa ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no adi. (Luka 22:19; 1 Yoh. 5:3) Bere biara a yehyia akwanside wɔ yɛn asetra mu no, ɛmmra sɛ yɛbɛma saa nhwɛso ahorow no ahyɛ yɛn nkuran ma yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ Awurade Anwummeduan no ase April 4. Sɛ yɛyɛ saa a na yɛkyerɛ sɛ yɛne odwontofo a ɔtoo dwom a edi so yi yɛ adwene: ‘Monnɔ Yehowa, mo a mudi no nokware nyinaa.’—Dw. 31:23.

3 Boa Afoforo Ma Wonnya Ɔdɔ Kɛse Mma Onyankopɔn: Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no nso kanyan yɛn ma yɛto nsa frɛ afoforo ma wɔne yɛn bedi afahyɛ no. February Yɛn Ahenni Som no hyɛɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnkyerɛw wɔn a yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn ba Nkaedi no ase din nto hɔ. So wode nsi reyɛ saa afrɛ obiara a woakyerɛw ne din no? Gye bere fa kyerɛkyerɛ nea afahyɛ no kyerɛ mu kyerɛ wɔn. Adamfofa su a wode bɛkae wɔn da ne bere a yɛbɛyɛ Nkaedi no, aka kyerɛ wɔn sɛ, sɛ ehia a wo ne wɔn bɛbɔ anan akɔ no betumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔaba.

4 Wɔ afahyɛ no ase no, bɔ mmɔden paa sɛ wubekyia wɔn a wɔbae no na ma wɔn ani nnye. Ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa wɔn ma wɔanya ɔdɔ kɛse ama Yehowa? Siesie wo ho sɛ wubebua nsɛm a wobebisa. Sɛ ehia a, hwɛ hu sɛ wobɛka akyerɛ wɔn sɛ wo ne wɔn bɛyɛ Bible adesua. To nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmra dapɛn biara asafo nhyiam ahorow a yɛyɛ no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo de wɔn adwene si Kristofo a wɔayɛ mmerɛw a wɔba nkaedi ase no so titiriw. Wobetumi ayɛ nhyehyɛe akɔsra saafo no na wɔahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsan mfi ase ne asafo no mmɔ, na ebia wɔakyerɛkyerɛ nsɛm a wɔkae wɔ Nkaedi ho ɔkasa mu no mu akyerɛ wɔn.—Rom. 5:6-8.

5 Ɔdɔ a Yɛwɔ Ma Yehowa a Yɛbɛma Ayɛ Kɛse: Agyede akyɛde no ho a yebedwennwen no betumi ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ne Ba no ayɛ kɛse. (2 Kor. 5:14, 15) Obi a wakɔ Nkaedi no mfe pii ni no kae sɛ: “Yɛhwɛ Nkaedi no kwan. Ɛkɔ so yɛ ade titiriw ma yɛn afe biara. Mekae sɛ mfe 20 a atwam no na migyina baabi a wɔadeda me papa funu, na saa bere no na mifii komam kyerɛɛ agyede no ho anisɔ sen bere biara. Ansa na me papa rewu no, na agyede ho nimdeɛ kɛkɛ na mewɔ. Na minim ɛho kyerɛw nsɛm nyinaa ne sɛnea wɔkyerɛkyerɛ mu! Nanso ɛyɛ bere a owu kaa me kɛse no ansa na midii nea wɔnam saa agyede a ɛsom bo no so bɛyɛ ama yɛn no ho ahurusi ankasa wɔ me komam.”—Yoh. 5:28, 29.

6 Bere a da a yebedi afe yi afahyɛ no rebɛn no, gye bere fa siesie wo koma ma afahyɛ no. (2 Be. 19:3) Dwennwen Nkaedi Bible akenkan titiriw a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2004 no mu ne 2004 Calendar so no ho. Ebinom ani gye ho sɛ wɔbɛkenkan Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ti 112-16 no wɔ wɔn abusua adesua mu. Afoforo nso de nhoma afoforo a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ayɛ no yɛ nhwehwɛmu afoforo. (Mat. 24:45-47) Yɛn nyinaa betumi afi komam abɔ agyede akyɛde no ho mpae. (Dw. 50:14, 23) Yiw, wɔ Nkaedi bere yi mu no, momma yɛnkɔ so nsusuw ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no ho na yɛnhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ada no adi sɛ yɛdɔ no.—Marko 12:30; 1 Yoh. 4:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena