Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/04 kr. 1
  • Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ—Ɔfã 2

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ—Ɔfã 2
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔfã 4—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Siesie Wo Ho Yiye ma Bible Adesua
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Wo Ho a Wubesiesie Ama Ofie Bible Adesua Ne Ne Yɛ
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 8/04 kr. 1

Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ—Ɔfã 2

Sɛnea Yebesiesie Yɛn Ho Akɔyɛ Adesua No

1 Sɛ́ yɛbɛkyerɛkyerɛ yiye wɔ Bible adesua ase no kyerɛ pii sen nhoma no mu nsɛm a yebesusuw ho na yɛakenkan kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no ara kwa. Ehia sɛ yɛkyerɛkyerɛ nsɛm no mu wɔ ɔkwan a ɛbɛka osuani no koma so. Ɛsɛ sɛ yɛdwene osuani no ho de siesie yɛn ho yiye na yɛatumi ayɛ eyi.—Mmeb. 15:28.

2 Sɛnea Wubesiesie Wo Ho: Di kan fa osuani no ahiasɛm to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo ma wonka osuani no akoma. (Kol. 1:9, 10) Gye bere susuw adesua no ti, asɛmti nketewa ne mfonini biara a ɛwom ho na woatumi ahu asɛntitiriw a adesua no gyina so no. Bisa wo ho sɛ: ‘Adwene bɛn na ɛwɔ asɛm a yɛrebesua no mu?’ Eyi bɛboa wo ma wode w’ani asi nsɛntitiriw no so bere a woreyɛ adesua no.

3 To wo bo susuw nkyekyɛm biara ho yiye. Hwehwɛ nsɛmmisa a wɔatintim no ho mmuae na hyɛ nsɛmfua ne kasasin atitiriw no nsow. Pɛɛpɛɛ sɛnea kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no fa asɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyɛm no mu no ho na paw emu nea mobɛkenkan bere a moresua ade no. Sɛ wokyerɛw nsɛntiaa bi wɔ nhoma no anoano a, ebetumi aboa wo. Ɛsɛ sɛ osuani no tumi hu pefee sɛ nea ɔresua no fi Onyankopɔn Asɛm mu.—1 Tes. 2:13.

4 Ma Adesua no Mfa Osuani no Ho: Nea edi hɔ ne sɛ, susuw sɛnea adesua no fa saa osuani no ho ho. Fa w’adwene kɔ nsɛmmisa a wususuw sɛ obebisa ne adesua no fã a wuhu sɛ ebia ɛbɛyɛ den ama no no so. Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na ehia sɛ ɔte ase anaa ɔyɛ na watumi anya ɔsom mu nkɔso? Mɛyɛ dɛn atumi aka n’akoma?’ Afei sakra w’adekyerɛ no sɛnea ɛsɛ ma ɛmmoa no. Ɛtɔ da bi a, ebehia sɛ wohwehwɛ mfatoho, nkyerɛkyerɛmu anaa nsɛmmisa pii na wode aboa osuani no ma wate asɛmpɔw anaa kyerɛwsɛm bi ase. (Neh. 8:8) Nanso mmfa nsɛm a ɛho nhia biara nhyehyem. Moyɛ ntimu tiawa de wie adesua no a, ɛbɛboa no ma wakae nsɛntitiriw no.

5 Sɛ asuafo fi ase sow trenee aba de hyɛ Yehowa anuonyam a, ɛma yɛn ani gye yiye. (Fil. 1:11) Bere biara a wobɛyɛ Bible adesua no, siesie wo ho yiye fa boa asuafo no ma wontumi nnu saa botae no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena