Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/05 kr. 6
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Mu Ntimu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Ɔmansin Nhyiam a Ɛbɛboa Yɛn ma Yɛde Yɛn Adwene Asi Honhom mu Nneɛma So
    Yɛn Ahenni Som—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 1/05 kr. 6

Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no, yehia nyansa a efi Onyankopɔn hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so anya Yehowa anim dom. (2 Tim. 3:1) Ɔmansin nhyiam dwumadi ma 2005 ɔsom afe, a ekura asɛmti “Ma ‘Nyansa a Efi Soro No’ Nkyerɛ Wo Kwan,” no bɛma yɛanya afotu a mfaso wɔ so a ɛbɛhyɛ yɛn nkuran.—Yak. 3:17.

Ɔkasa a wɔakyekyem a edi kan a ekura asɛmti “‘Nyansa a Efi Soro’ a Yɛde Bɛbɔ Yɛn Bra,” no bɛboa yɛn ma yɛahu nea ahotew, asomdwoe, odwo ne asoɔmmerɛw a yɛbɛyɛ no kyerɛ. Afei ɔmansin sohwɛfo ne yɛn besusuw nneɛma foforo abiɛsa a aka a nyansa a efi soro da no adi no ho. Ɔmantam sohwɛfo no de da a edi kan no dwumadi bɛba awiei na wama yɛahu sɛnea wɔasiesie nokware Kristofo sɛ wɔnka Onyankopɔn nyansa ho asɛm nkyerɛ, ɛmfa ho sɛ ebinom bu wɔn sɛ “wonsuaa nhoma da, na mmom wɔyɛ mpapahwekwa no.”—Aso. 4:13.

Da a ɛto so abien no, ɔkasa a wɔakyekyɛm a ekura asɛmti “Munni Nneɛma a Ɛma Nkɔso Akyi,” no bɛboa yɛn ama yɛahu nneɛma a ebetumi ahaw yɛn wɔ honhom fam no na yɛakwati. Afei nso, ɛbɛkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi ahyɛ afoforo den wɔ asafo nhyiam ase, asɛnka adwuma ne abusua no mu. Baguam ɔkasa a ɛne “Sɛnea Yenya Nyansa a Efi Onyankopɔn Hɔ No So Mfaso” no bɛma yɛanya obu kɛse ama mfaso a yenya bere a yɛde nnyinasosɛm a efi Onyankopɔn hɔ bɔ yɛn bra no. Ɔkasa a etwa to, “Onyankopɔn Nyansa a Yɛde Bedi Dwuma Bɔ Yɛn Ho Ban,” no bɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛhwehwɛ nyansa afi Yehowa hɔ wɔ nna a edi akyiri yi mu no mu den.

Nhyiam biara fã titiriw ne asuafo foforo a wɔbɔ wɔn asu no. Wɔbɛyɛ dapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔwɛn-Aban Adesua no nso wɔ nhyiam no ase. Yehowa pɛ sɛ yɛn nyinaa nya nyansa a ɔde ma no so mfaso. Afotu ne nkuranhyɛsɛm a yɛn nsa bɛka wɔ yɛn ɔmansin nhyiam ase no bɛhyɛ yɛn den honhom mu.—Mmeb. 3:13-18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena