Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Mu Ntimu
Nsɛm yi na yɛde besusuw nea ɛbɛkɔ so wɔ da koro nhyiam titiriw a yɛbɛyɛ no 2005 ɔsom afe no mu ho. Ɛno ara nso na yɛde bɛyɛ ntimu no. Asɛm “Nhyehyɛe Foforo a Yɛde Bɛyɛ Ɔmansin Nhyiam Dwumadi mu Ntimu,” a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ August 2004 Yɛn Ahenni Som no mu, kratafa 4 no, kyerɛkyerɛ sɛnea wɔbɛyɛ ntimu no. Sɛ moreyɛ ntimu no a, monhyehyɛ bere no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi abisa nsɛm no nyinaa. Ɛsɛ sɛ ntimu no twe adwene si sɛnea yebetumi de nea wɔkaa ho asɛm no adi dwuma so.
ANƆPA DWUMADI
1. Dɛn nti na ɛho abehia kɛse sɛ yetie Yehowa? Sɛ́ yebetie asɛm no kyerɛ dɛn? (“Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yetie Yehowa Nne”)
2. Mmusua bɛyɛ dɛn atumi akura honhom fam nneɛma ho nhyehyɛe pa mu? (“Mmusua a Wotie Onyankopɔn Asɛm a Wɔmma Biribiara Ntwetwe Wɔn”)
3. Ɔkwan bɛn so na ɔmansin no mufo de hokwan a wonya no di adanse bɔnnɔ so? (“Ade Nyinaa a Yɛbɛyɛ De Ahyɛ Onyankopɔn Anuonyam”)
4. Dɛn na yebetumi asua afi kɔkɔbɔ nhwɛso a yehu wɔ Hebrifo ti 3 ne 4 no mu? Ɔkwan bɛn so na Yehowa kasa kyerɛ yɛn nnɛ? (“Sɛ Onyankopɔn Kasa na Yetie a, Ɛbɔ Yɛn Ho Ban”)
5. Mfaso bɛn na wunya fii asubɔ kasa no mu? (“Ahosohyira ne Asubɔ”)
AWIA DWUMADI
6. Dɛn na yebetumi ahu afa Yesu ho bere a na ɔyɛ ɔbabun no, na ɔkwan bɛn so na mmabun a wɔwɔ ɔmansin no mu no resuasua ne nhwɛso no? (“Sɛnea Onyankopɔn Asɛm a Yɛn Mmabun Tie no Yiye no Hyɛ Wɔn Den”)
7. Akwan a awofo betumi afa so akyerɛkyerɛ wɔn mma nkumaa Yehowa akwan no bi ne nea ɛwɔ he? (“Mmofra a Wotie Onyankopɔn na Wosua Ne Ho Ade”)
8. Afã pɔtee bɛn sɛɛ na ehia sɛ yetie Yehowa, ne Ba no, ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no? (Mat. 24:45) Dɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ saa? (“Muntie Onyankopɔn Akwankyerɛ Daa”)