Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/05 kr. 1
  • Kɔ So Ka Asɛm No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Ka Asɛm No
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kɔ So Ka Asɛm No!
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • “Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • “Munyi Yehowa Din Ayɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Yi Yehowa Ayɛ Daa
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 4/05 kr. 1

Kɔ So Ka Asɛm No

1 Yɛwɔ mmere a emu yɛ den mu. Ɔmanko, mmusua ntam akodi, asiane ahorow, ne nneyɛe a ɛyɛ hu pii abu so. Adesamma abusua no hia asɛmpa seesei sen bere biara a abɛsen kɔ. Nanso nnipa pii mfa Onyankopɔn som nyɛ hwee. Mmeae bi wɔ hɔ a, ɛyɛ den sɛ wobɛto nnipa wɔ fie, na mpo ɛyɛ den paa sɛ wubenya nnipa a wobetie wo anaa wɔpɛ sɛ wosua Bible no. Eyi nyinaa mu no, ehia paa sɛ yɛkɔ so ka Onyankopɔn Ahenni a ɛredi tumi no ho asɛmpa no.—Mat. 24:14.

2 Nnipa Ho Dɔ: Yɛn asɛnka adwuma no twe adwene si ɔdɔ a Yehowa wɔ ma nnipa no so. “Ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.” (2 Pet. 3:9; Hes. 33:11) Enti, sɛnea Yesu kae no, wahyɛ sɛ “ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu kan.” (Mar. 13:10) Onyankopɔn tu nnipa fo sɛ wɔnkwati atemmu a ɛreba Satan wiase no so no. (Yoel 2:28, 29, 32; Sef. 2: 2, 3) Ɛnyɛ yɛn anisɔ sɛ Yehowa de saa hokwan no ama yɛn nso?—1 Tim. 1:12, 13.

3 Wɔ 2004 ɔsom afe mu no, akontaabu a efi wiase nyinaa kyerɛ sɛ, sɛ wokyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɔsram biara wɔyɛɛ Bible adesua 6,085,387, na wɔbɔɔ asuafo foforo bɛyɛ 5,000 asu dapɛn biara! Mmɔden a adawurubɔfo kɔɔ so bɔe de kaa asɛm no bi kyerɛɛ asasesin no mu nnipa nyinaa a Yehowa hyiraa so no na wɔnam nyaa afoforo a wohyiraa wɔn ho so yi mu binom. Eyi de anigye kɛse aba asafo ahorow mu, na ɛyɛ hokwan kɛse ampa sɛ obi bɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo wɔ nkwagye adwuma yi mu!—1 Kor. 3:5, 6, 9.

4 Yɛkamfo Onyankopɔn Din: Yɛkɔ so ka asɛm no wɔ baguam de kamfo Yehowa, tew ne din ho adesamma nyinaa mu. (Heb. 13:15) Satan adaadaa “asase sofo nyinaa” ma wɔabegye adi sɛ Onyankopɔn ntumi nyi adesamma haw ahorow mfi hɔ, ne sɛ amanehunu a nnipa wom no mfa ne ho, anaa mpo sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. (Adi. 12:9) Yɛnam yɛn asɛnka no so di nokware a ɛfa yɛn soro Agya nwonwaso no ho adanse. Momma yɛnkɔ so nkamfo ne din—nnɛ mfa nkosi daa daa.—Dw. 145:1, 2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena