Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/05 kr. 4
  • Abusua Nhyehyɛe—Abusua Asɛnka Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abusua Nhyehyɛe—Abusua Asɛnka Adwuma
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛkyerɛ Wo Mma ma Wonyi Yehowa Ayɛ
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Awofo—Montete Mo Mma Mma Wɔnka Asɛm No
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Asɛnka Mu
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 5/05 kr. 4

Abusua Nhyehyɛe—Abusua Asɛnka Adwuma

1 Yehowa ani gye sɛ obehu sɛ mmofra yi ne din ayɛ. (Dw. 148:12, 13) Yesu bere so no, ‘nkokoaa ne wɔn a wonum nufu mpo yii Onyankopɔn ayɛ.’ (Mat. 21:15, 16) Saa ara na ɛrekɔ so nnɛ. Awofo, mobɛyɛ dɛn aboa mo mma ma wɔde nsi ayi Yehowa ayɛ wɔ Kristofo som adwuma no mu? Ɛha nso, sɛnea yesii so dua wɔ atifi hɔ asɛm a ɛfa asafo nhyiam ho no, ade titiriw a ɛbɛboa wɔn ne mo nhwɛso. Agya bi kasa maa awofo nyinaa bere a ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ nea woka na mmofra no yɛ, na mmom nea woyɛ na wɔhwɛ sua!”

2 Onuawa bi a awofo a wosuro Nyankopɔn tetee no kae sɛ: “Yɛansɔre Memeneda anɔpa ammisa da sɛ ebia yɛbɛkɔ asɛnka anaa. Ná yenim sɛ ɛyɛ ade a ɛda hɔ.” Saa ara na wubetumi de hia a asɛnka adwuma no ho hia adua wo mma adwene mu denam dapɛn dapɛn nhyehyɛe a wobɛyɛ ama abusua no de akɔ asɛnka daa so. Ɛnyɛ sɛ eyi ma mmofra no nya kwan suasua wo bere a wɔhwɛ nea woyɛ no nko, na mmom ɛma wo nso wuhu wɔn nkɔso ne sɛnea wɔyɛ wɔn nneɛma fa.

3 Ntetee a Wɔde Ma Nkakrankakra: Sɛ mmofra ani begye asɛnka ho a, ehia sɛ wosiesie wɔn ho na wɔatumi atu mpɔn. Onuawa a yedii kan faa n’asɛm kae no toaa so sɛ: “Yɛanyɛ sɛ dabodabo mma a yedi yɛn awofo akyi wɔ wɔn asɛnka adwuma mu da. Na yenim sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ bi, sɛ mpo pon ano dɔn na yɛbɛbɔ de nsaano krataa agyaw a, na yɛyɛ saa. Esiane sɛ na yɛtɔ yɛn bo ase siesie yɛn ho ansa na dapɛn awiei biara yɛakɔ asɛnka nti, na yenim nea yɛbɛka.” Wubetumi de ntetee a ɛte saa ama wo mma bere a wode simma kakraa bi si hɔ dapɛn biara, ebia bere a moreyɛ abusua adesua anaa bere foforo bi no.

4 Asɛnka a mobɛbom akɔ sɛ abusua no ma wunya hokwan foforo de nokware no dua wo mma koma mu. Ná Kristoni bi a ɔyɛ agya de ne babea di n’akyi ma wotwa kwansin asia kɔkyekyɛ nkratawa ma wɔn a wɔtete nkuraase a ɛbemmɛn wɔn no. Abeawa no de anigye kae sɛ: “Bere a me ne me papa retwa saa kwan no na ɔde nokware no duaa me koma mu.” (Deut. 6:7) Ɛmmra sɛ wo nso wubenya nhyira saa ara bere a wode asɛnka adwuma ka w’abusua dapɛn nhyehyɛe ho no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena