Abusua Nhyehyɛe—Daa Asɛm
1 Awofo a wɔdɔ wɔn mma bɔ mmɔden daa sɛ wɔbɛma wɔn aduan pa adi. Nanso honhom fam aduan a efi Onyankopɔn Asɛm mu a wɔde bɛma wɔn no ho hia sen saa. (Mat. 4:4) Ɔkwan biako a wubetumi afa so ama wo mma anya honhom fam nneɛma ho akɔnnɔ na ama ‘wɔanyin akɔ nkwagye mu’ ne sɛ mubegye bere da biara de asusuw daa asɛm ne emu nkyerɛkyerɛmu no ho sɛ abusua. (1 Pet. 2:2) Bere bɛn na wubetumi de eyi ahyɛ w’abusua nhyehyɛe mu?
2 Bere a Moredidi: Daa asɛm no a mubesusuw ho de afi da no ase no betumi aboa mo abusua no ma moasusuw Yehowa ho da mũ nyinaa. (Dw. 16:8) Ɛna bi de yɛɛ ne su sɛ bere a ne babarima redidi anɔpa no, ɔne no besusuw daa asɛm no ho, na ɔne no abɔ mpae ansa na wakɔ sukuu. Eyi hyɛɛ no den ma ogyinaa n’anan so pintinn ko tiaa ɔmampɛ ne ɔbrabɔne ho sɔhwɛ a wɔde baa no so no. Ɔde akokoduru dii ne sukuufo ne akyerɛkyerɛfo nyinaa adanse. Ɛwom sɛ na ne nkutoo ne Ɔdansefo wɔ sukuu no mu de, nanso wante nka da sɛ ɔyɛ ankonam.
3 Sɛ morentumi nyɛ daa asɛm no anɔpa a, sɛ abusua no, mubetumi ayɛ no bere foforo wɔ da no mu, ebia bere a moredidi anwummere. Saa bere yi na ebinom nso susuw osuahu ahorow a wonyae wɔ asɛnka mu ne nsɛm a wɔn ani gyee ho wɔ wɔn Bible akenkan mu ho. Nnipa pii kae bere a ɛte saa a na wohyiam sɛ abusua didi anwummere no sɛ ɛka mmere a na ɛma wɔn mmusua ani gye paa no ho.
4 Anadwo: Wɔ mmusua bi fam no, bere a eye ma wɔn paa a wobetumi asusuw daa asɛm no ho ne anadwo, bere a wɔreyɛ akɔda no. Eyi nso betumi ayɛ bere pa a mobebom abɔ mpae. Sɛ wo mma te sɛ woka Yehowa ho asɛm daa na wobɔ no mpae a, ɛma wohu sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa.
5 Yehowa nhyira mmɔden a wobɔ sɛ wode nokware no bedua wo mma komam no so bere a wode Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa di dwuma ɔkwampa so no.