Asɛnka Boa ma Yenya Boasetɔ
1 Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ “yɛmfa boasetɔ ntu mmirika a ɛda yɛn anim no.” (Heb. 12:1) Sɛnea mmirikatufo hia boasetɔ na watumi adi akansi mu nkonim no, saa ara na yɛn nso yehia boasetɔ na yɛatumi anya daa nkwa abotiri no. (Heb. 10:36) Ɔkwan bɛn so na Kristofo som adwuma no betumi aboa yɛn ma yɛde nokwaredi agyinam akodu awiei?—Mat. 24:13.
2 Honhom mu Denhyɛ: Sɛ yɛkɔ so bɔ wiase foforo a Bible hyɛ ho bɔ no dawuru a, yɛn anidaso no mu kɔ so yɛ den. (1 Tes. 5:8) Sɛ yɛkɔ asɛnka daa a, ɛma yenya hokwan ka nokware a yɛasua afi Bible mu no kyerɛ afoforo. Yɛsan nya kwan kyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu, na ɛno nso hyɛ yɛn den honhom mu.
3 Ehia sɛ yɛte Bible mu nokwasɛm no ase paa na yɛatumi akyerɛkyerɛ nkurɔfo yiye. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsɛm no mu nhwehwɛmu na yɛdwennwen ho. Yɛbɔ ho mmɔden saa a, ɛma yɛn nimdeɛ mu dɔ, ɛhyɛ yɛn gyidi den, na yenya ahoɔden wɔ honhom mu. (Mmeb. 2:3-5) Enti bere a yɛreboa afoforo no, na yɛrehyɛ yɛn ho den.—1 Tim. 4:15, 16.
4 “Onyankopɔn akode nyinaa” a yɛde ko tia Ɔbonsam ne n’adaemone no fã titiriw ne ɔsom adwuma a yɛde nsi yɛ no. (Efe. 6:10-13, 15) Yɛyere yɛn ho wɔ ɔsom adwuma no mu a, ɛma yɛde yɛn adwene si nneɛma pa so na yɛkwati Satan wiase mu nnebɔne no. (Kol. 3:2) Bere a yɛrekyerɛ nkurɔfo Yehowa akwan no, ɛkae yɛn bere nyinaa sɛ ehia sɛ yɛn nso yɛbɔ bra pa.—1 Pet. 2:12.
5 Onyankopɔn na Ɔhyɛ Yɛn Den: Nea etwa to ne sɛ, asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no ma yɛde yɛn ho to Yehowa so. (2 Kor. 4:1, 7) Eyi yɛ nhyira ampa! Yenya saa ahotoso yi a, ɛboa yɛn ma yegyina tebea biara a ɛbɛto yɛn no ano na yewie yɛn som adwuma no. (Filip. 4:11-13) Nokwarem no, Yehowa a yɛde yɛn ho bɛto ne so no na ɛbɛma yɛanya boasetɔ. (Dw. 55:22) Asɛnka adwuma a yɛyɛ no boa ma yetumi gyina pintinn wɔ akwan horow so.