Dwuma a Yɛn Asɛnka Adwuma no Di
1. Yehowa bu yɛn asɛnka adwuma no dɛn, nanso nnipa yɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?
1 Onyankopɔn Asɛm ka Kristofo ho asɛm sɛ wɔretu aperenten wɔ Yehowa som mu te sɛ nea wodi nkonimdi santen mu. (2 Kor. 2:14-16) Bere a yɛda Onyankopɔn ho nimdeɛ adi no, yɛn som a yɛde rema no no yi hua te sɛ aduhuam wɔ Yehowa anim. Nnipa binom pɛ asɛmpa no hua no; nanso afoforo mpɛ. Nanso nnipa pii a wɔnkyerɛ asɛmpa no ho anigye no nkyerɛ sɛ mfaso biara nni yɛn adwuma no so. Susuw dwuma a yɛn asɛnka adwuma no di ho hwɛ.
2. Dɛn na yɛn asɛnka adwuma no ma yetumi yɛ?
2 Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam: Satan ka sɛ nea nnipa nya fi Yehowa hɔ nti na wɔsom no. (Hiob 1:9-11) Kristofo asɛnka adwuma no ma yenya hokwan de kyerɛ sɛ yefi ahofama a edi mu mu na ɛsom Nyankopɔn. Adawurubɔfo pii kɔ so tie ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm no na yɛnyɛ afoforo asuafo ɛmfa ho nsɛnnennen a wohyia anaa yɛ a nnipa dodow no ara yɛ anibiannaso no. Nokwaredi mu a wofi da boasetɔ adi saa no ma Yehowa koma tɔ ne yam!—Mmeb. 27:11.
3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so ka Onyankopɔn din ne n’atirimpɔw ho asɛm kyerɛ?
3 Bio nso, yɛn asɛnka adwuma no boa ma yedi Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma. Yehowa ka ɔsɛe a ɛreba Satan wiase so no ho asɛm sɛ: ‘Na amanaman no behu sɛ mene Yehowa.’ (Hes. 39:7) Sɛ amanaman no behu eyi a, ɛho hia sɛ Onyankopɔn asomfo kɔ so ka ne din ne n’atirimpɔw ho asɛm kyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.”—Adi. 14:6, 7.
4. Ɔkwan bɛn so na wobegyina asɛnka adwuma no so abu atɛn?
4 Nea Wobegyina So Abu Atɛn: Asɛmpa no a yɛka kyerɛ no nso so na wobegyina abu atɛn. Ɔsomafo Paulo kae sɛ Kristo Yesu bɛtɔ “wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no” so werɛ. (2 Tes. 1:8, 9) Nea nkurɔfo bɛyɛ wɔ asɛmpa no ho so na wobegyina abu wɔn atɛn. Hwɛ asodi kɛse ara a eyi de abɛto Onyankopɔn asomfo so! Nea ɛbɛyɛ na yɛrenni afoforo mogya ho fɔ no, ɛnsɛ sɛ yegyae Ahenni nkrasɛm a egye nkwa no ho asɛm ka.—Aso. 20:26, 27.
5. Ɔkwan bɛn so na yɛda Onyankopɔn mmɔborohunu adi wɔ yɛn asɛnka mu?
5 Mmɔden a yɛrebɔ de aboa yɛn afipamfo ma wɔanya Onyankopɔn anim dom no da Yehowa mmɔborohunu adi. (1 Tim. 2:3, 4) Esiane sɛ yenim sɛ nkurɔfo nsɛm tebea kɔ so sakra nti, yɛkɔ wɔn nkyɛn bere nyinaa na yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnhwehwɛ Yehowa bere a hokwan da so ara wɔ hɔ yi. Ɛdenam saayɛ so no, yɛda “yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu” adi, efisɛ ‘ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.’—Luka 1:78; 2 Pet. 3:9.
6. Ɔkwan bɛn so na yenya Yehowa som a yɛde yɛn ho hyɛ mu bere nyinaa no so mfaso?
6 Yenya So Mfaso: Yɛn ho a yɛde hyɛ Yehowa som mu bere nyinaa no bɔ yɛn ho ban. Ɛsan boa yɛn ma ‘Yehowa da no ba yɛ ntɛm wɔ yɛn adwenem’ na ɛma yɛkwati sɛ yɛde wiase nhyehyɛe yi mu nneɛma begu yɛn ho fĩ. (2 Pet. 3:11-14; Tito 2:11, 12) Enti momma ‘yentintim na yennyina pintinn, na yɛnyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu daa’ efisɛ yenim sɛ brɛ a yɛrebrɛ wɔ Kristofo asɛnka adwuma mu no renyɛ kwa.—1 Kor. 15:58.