Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Jan. 1
“Nnipa betumi ayɛ nnepa pii de aboa wɔn ho, nanso abɔnefosɛm akɛse na wɔtaa di tia wɔn ho. Woasusuw nea enti a ɛte saa no ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu mmuae a Bible de ma. Ɛsan kyerɛkyerɛ sɛnea awiei koraa no, papa bedi bɔne so nkonim no mu.” Kenkan Romafo 16:20.
Awake! Jan.
“Woasusuw sɛnea wiase bɛyɛ wɔ mfe 20 anaa 30 a ɛbɛba no ho pɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Dwom 119:105.] Bible no boa ma yehu nea ɛda yɛn anim ne nea ɛreba daakye. Nsɛmma nhoma yi pɛɛpɛɛ nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ baabi a yɛadu ne nea enti a yebetumi ahwɛ daakye bi a ɛyɛ anigye kwan no mu.”
Ɔwɛn-Aban Jan. 15
“Nnansa yi, nnipa pii ka abɔfo ho asɛm. Wususuw sɛ wɔyɛ henanom, na ɔkwan bɛn so na wɔn nneyɛe ka yɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Dwom 34:7.] Nsɛmma nhoma yi susuw nea Bible ka sɛ abɔfo yɛe bere bi a atwam, nea wɔreyɛ nnɛ ne nea wɔbɛyɛ daakye ho.”
Awake! Jan.
“Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ wɔde afotu ma wɔ biribiara ho. Emu nea ɛwɔ he na wususuw sɛ yebetumi de yɛn ho ato so? [Twɛn ma ommua. Kenkan 2 Timoteo 3:16.] Awake! yi kyerɛ nea enti a sɛ yɛrepɛ afotu pa a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Bible no so no.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 18 no kyerɛ no.