Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma No—Nhoma Titiriw a Yɛde Bɛyɛ Bible Adesua
1 Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei bere a woyii Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no adi wɔ “Osetie Ma Nyankopɔn” Ɔmantam Nhyiam ase no! Wɔn a wɔbaa nhyiam no ani gyei bere a wɔn nsa kaa nhoma no bi wɔ Memeneda dwumadi awiei no. Ɔkwan bɛn so na yɛde nhoma foforo yi bedi dwuma? Wɔasiesie sɛ ɛno titiriw na yɛde bɛyɛ Bible adesua. Ɛwom sɛ yɛde nhoma foforo yi bedi kan ama wɔ April mu de, nanso yɛhyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ womfi ase mfa nyɛ Bible adesua ntɛm ara.
2 Bible Adesua a Yɛyɛ no Seesei: Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔde Nimdeɛ nhoma anaa Ahwehwɛde nhomawa no reyɛ Bible adesua no de atɛmpa di dwuma bere a wɔresi ɔkwan a wɔbɛfa so de nhoma foforo no ayɛ adesua ne bere a ɛsɛ sɛ wofi ase ho gyinae no. Sɛ wufii adesua bi ase nkyɛe a, wubetumi adan akɔ nhoma foforo no so ntɛm ara. Sɛ woadu akyiri wɔ Nimdeɛ nhoma no mu a, wubetumi atoa so wɔ ti a ɛne adesua no hyia wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu. Sɛ woreyɛ awie Nimdeɛ nhoma no a, wubetumi apaw sɛ mubesua saa nhoma no awie.
3 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa nim nkurɔfo pii a wobenya Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu adesua so mfaso. Dɛn nti na wo ne wɔn mu biara nnyɛ Bible adesua ho nhyehyɛɛ wɔ nhoma a ɛda Bible mu nokware adi nkakrankakra yi mu? Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔasua Ahwehwɛde nhomawa no anaa Nimdeɛ nhoma no nanso wɔannu ahosohyira ne asubɔ ho no betumi de nhoma foforo no afi wɔn adesua no ase bio. Awofo betumi de nhoma no adi dwuma de akyerɛkyerɛ wɔn mma nokware nimdeɛ a ɛfa Onyankopɔn apɛdeyɛ ho no.—Kol. 1:9, 10.
4 Nhoma a Ɛto so Abien a Wobesua: Sɛ Bible suani bi sua Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no wie a, so wɔayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wasua nhoma a ɛto so abien? Yiw. Sɛ ɛda adi sɛ osuani no renya nkɔso nkakrankakra na n’ani gye nea ɔresua no ho a, ɛnde yebetumi atoa Bible adesua no so wɔ Som Nokware Nyankopɔn Koro No nhoma no mu. Yɛwɔ ahotoso sɛ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛyɛ adwinnade titiriw a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn asuafoyɛ adwuma no mu.—Mat. 28:19, 20.