Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Apr. 1
“Asɛm a nnipa bebree nim wɔ Bible mu yi kyerɛ hia a ehia sɛ yenya Onyankopɔn ho nimdeɛ. [Kenkan Mateo 4:4.] Nanso ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛte Onyankopɔn Asɛm ase. So ɛte saa wɔ wo fam? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi de nyansahyɛ a mfaso wɔ so a ebetumi aboa wo ma woate Bible no ase ma.”
Awake! Apr.
“Nnipa pii biri wɔn mogya ani hwehwɛ anigye, nanso ɛte sɛ nea wɔn mu kakraa bi na wonya. Wususuw sɛ nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ ha yi mu biara betumi aboa nnipa ma wɔanya anigye wɔ wɔn asetram? [Fa adaka a ɛwɔ kratafa 9 no kyerɛ no. Afei kenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no biako.] Awake! yi ka nneɛma a ɛde anigye ba a egyina Bible so no ho asɛm.”
Ɔwɛn-Aban Apr. 15
“Ɛte sɛ nea obiara gye tom sɛ ade biako a ɛma anigye ba abusua asetra mu ne nkɔmmɔbɔ pa, nanso ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛbɔ nkɔmmɔ. Wususuw sɛ dɛn na ama aba saa? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi de nyansahyɛ a ɛbɛma woahu sɛnea wobɛbɔ nkɔmmɔ ma.” Kenkan Yakobo 1:19.
Awake! Apr.
“Nnipa pii ka sɛ mmeamudua no boa ma wɔbɛn Nyankopɔn kɛse. Nanso ebinom bisa sɛ: Ɛfata sɛ yɛde nidi ma ade a wokum Yesu wɔ so no? So Yesu wui wɔ mmeamudua so? Asɛm a ɛwɔ kratafa 12 no gyina Bible no so hwehwɛ asɛmmisa yi mu.” Kenkan Asomafo Nnwuma 5:30.