Yɛn Som Adwuma No—Ɛma Yɛda Mmɔborohunu Adi
1 Yesu huu nnipadɔm a wotiee no no mmɔbɔ efisɛ “na wɔapirapira wɔn na wɔagyaw wɔn agu hɔ te sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mat. 9:36) Ɔde odwo ne ɔdɔ kyerɛkyerɛɛ wɔn Yehowa akwan, ɔkyekyee wɔn werɛ, na ɔde ayamhyehye dii wɔn honhom fam ahiade ho dwuma. Sɛ yesusuw akwan a Yesu faa so no ho, na yesua sɛ yebedwen na yɛate nka sɛnea ɔtee nka no a, ɛbɛma yɛada mmɔborohunu adi wɔ yɛn som adwuma no mu.
2 Gye bere kakra fa susuw sɛnea Yesu yɛɛ n’ade bere a nnipa a wɔn ani abere rehwehwɛ mmoa kɔɔ ne nkyɛn no ho hwɛ. (Luka 5:12, 13; 8:43-48) Ne yam hyehyee no maa wɔn a na wɔadi dɛm no. (Mar. 7:31-35) Ná onim sɛnea afoforo te nka na na odwen wɔn ho. Wannyina nea n’aniwa hu nkutoo so anyɛ ade. (Luka 7:36-40) Nokwarem no, Yesu daa yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu no bi adi.
3 “Wɔyɛɛ No Mmɔbɔ”: Yesu anyɛ ne som adwuma no sɛ adwuma bi a wɔde ama no kɛkɛ. Nnipa no ‘yɛɛ no mmɔbɔ.’ (Mar. 6:34) Ɛnnɛ nso, ɛnyɛ asɛm no ara na yɛreka kwa, na mmom yɛrebɔ mmɔden sɛ yebegye nnipa nkwa. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nea enti a nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ ɔkwan pɔtee bi so no. Dɛn nti na wɔahaw na wodwennwen? So atoro som akannifo abu wɔn ani agu wɔn so anaa wɔadaadaa wɔn? Afoforo ho anigye ankasa a yɛkyerɛ no betumi akanyan wɔn ma wɔatie asɛmpa no.—2 Kor. 6:4, 6.
4 Mmɔborohunu a yɛda no adi no ka afoforo koma. Ɛho mfatoho ni: Ɔbea bi babea a na wadi asram abiɛsa wui. Bere a Adansefo baanu kɔbɔɔ ne pon mu no, obuee pon no a na adwene a okura ne sɛ ɔbɛbɔ nea wɔbɛka afa nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan no agu. Nanso ɔbea no kae akyiri yi sɛ: “Wɔde mmɔborohunu kɛse tiee me, na bere a wɔrefi hɔ akɔ no, na me werɛ akyekye araa ma mepenee so sɛ wɔnsan mmɛsra me.” So wobɔ mmɔden sɛ wubeyi mmɔborohunu adi akyerɛ obiara a wuhyia no wɔ asɛnka mu?
5 Mmɔborohunu a yebeyi no adi no bɛboa ma yɛakyekye afoforo werɛ ankasa. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛhyɛ Yehowa, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no anuonyam.—2 Kor. 1:3.