Ma Afoforo Nnya Yehowa Su Ahorow a Ɛso Bi Nni no Ho Anisɔ
1 Wɔ yɛn som adwuma mu no, ɛnyɛ Bible mu nokware atitiriw no nkutoo na yɛkyerɛkyerɛ afoforo. Mmom no, yɛboa nkurɔfo ma wohu sɛ Yehowa wɔ hɔ na yɛma wonya ne su ahorow a ɛso bi nni no ho anisɔ nso. Sɛ nnipa komapafo hu nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no a, enya wɔn so tumi kɛse, na ɛma wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔbɛnantew sɛnea ɛsɛ Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa.’—Kol. 1:9, 10; 3:9, 10.
2 Yɛn Nhoma Foforo a Yɛde Yɛ Adesua: Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no twe adwene si Yehowa su ahorow so wɔ ne mfiase pɛɛ. Ti a edi kan no ara bua nsɛmmisa a edidi so yi: So Onyankopɔn dwen wo ho ankasa?, Onyankopɔn suban te dɛn?, ɛne So wubetumi abɛn Onyankopɔn? Saa ti no san si Yehowa kronkronyɛ (nky. 10), n’atɛntrenee, n’ayamhyehye (nky. 11), ne dɔ (nky. 13), ne tumi (nky. 16), ne mmɔborohunu, ne dom, ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔde bɔne befiri, ne boasetɔ, ne ne nokwaredi so dua (nky. 19). Nkyekyɛm 20 bɔ asɛm no mua sɛ: “Dodow a wusua Yehowa ho ade no, dodow no ara na wubehu no yiye, na ɛno bɛma woadɔ no kɛse na woate nka sɛ wobɛn no.”
3 Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no aboa yɛn Bible asuafo ma wɔabɛn Yehowa? Bere a yɛasusuw nkyekyɛm bi a esi Onyankopɔn su bi so dua awie no, yebetumi abisa osuani no sɛ, “Eyi ma wuhu sɛ Yehowa te dɛn?” anaasɛ “Ɔkwan bɛn so na eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn ani gye wo ho?” Sɛ ɛwom ara na yebisa nsɛm a ɛtete saa wɔ adesua no mu a, na yɛrekyerɛ yɛn asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ wodwennwen nea wɔresua no ho na aboa wɔn ma wɔakɔ so akyerɛ Yehowa su ahorow a ɛso bi nni no ho anisɔ.
4 Fa Ntimu Adaka no Di Dwuma: Wɔ ti biara awiei no, ma osuani no mfa n’ankasa nsɛm nkyerɛkyerɛ “Nea Bible Kyerɛkyerɛ” no mu asɛm biara mu. Twe n’adwene si kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no so. Nea ɛbɛyɛ na woahyɛ osuani no nkuran ma waka nea ɛwɔ ne komam no, ɛtɔ bere bi a wubetumi abisa sɛ: “Wote nka dɛn wɔ nea Bible kyerɛkyerɛ wɔ asɛm yi ho no ho?” Sɛ woyɛ saa a, ɛnyɛ ti no mu nsɛntitiriw nkutoo na wubesi so dua, na mmom wubehu nea osuani no gye di ankasa nso. Eyi bɛboa osuani no ma wafi ase ne Yehowa anya abusuabɔ.