Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/06 kr. 1
  • Suasua Yehowa, Yɛn “Anigye Nyankopɔn” No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Suasua Yehowa, Yɛn “Anigye Nyankopɔn” No
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Yɛka Asɛmpa No
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Yehowa Dɔ Wɔn A Wɔtew Wɔn Anim Ma Ade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Asɛmpa Bi Wɔ Hɔ A Nnipa Nyinaa Hia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 7/06 kr. 1

Suasua Yehowa, Yɛn “Anigye Nyankopɔn” No

1 Yehowa pɛ sɛ nnipa ani gye ankasa. N’asɛm ma yɛhwɛ nhyira horow a ɛyɛ nwonwa a ɔde bɛma adesamma no kwan. (Yes. 65:21-25) Ɛsɛ sɛ afoforo hu sɛ “anigye Nyankopɔn no anuonyam asɛmpa” a yɛka kyerɛ wɔn no ma yɛn ani gye. (1 Tim. 1:11) Ɛsɛ sɛ sɛnea yɛka Ahenni no ho asɛm no da no adi sɛ yɛn ani gye nokware no ne nnipa a yɛka ho asɛm kyerɛ wɔn no ho ankasa.—Rom. 1:14-16.

2 Nokwarem no, ɛtɔ da bi a ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ so ada anigye adi. Wɔ nsasesin bi mu no, nnipa kakraa bi na yenya wɔn ma wotie Ahenni no ho asɛmpa no. Ɛtɔ mmere bi nso a yɛn ankasa asetra mu nsɛnnennen haw yɛn. Sɛ yɛbɛkɔ so ada anigye adi a, ɛsɛ sɛ yesusuw hia a ehia sɛ yɛn asasesin mufo te Ahenni no ho asɛmpa a yɛreka no, ne sɛnea wɔte ase no ho. (Rom. 10:13, 14, 17) Eyi ho a yebedwennwen no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so de anigye aka nhyehyɛe a Yehowa fi mmɔborohunu mu ayɛ ama nkwagye no ho asɛm akyerɛ afoforo.

3 Ka Nneɛma Pa a Ɛbɛba no Ho Asɛm: Ɛsɛ sɛ yesusuw nea yɛka no nso ho. Ɛwom sɛ ebia yɛbɛka ɔhaw bi ho asɛm anaa radio ne atesɛm krataa bi mu asɛm a nkurɔfo dwen ho de afi yɛn nkɔmmɔbɔ no ase de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛka nneɛma a ɛhaw adwene no ho nsɛm pii. Yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛka “papa ho asɛmpa.” (Yes. 52:7; Rom. 10:15) Asɛmpa yi yɛ asɛm a egyina Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ yebenya daakye a ɛyɛ papa no so. (2 Pet. 3:13) Bere a eyi wɔ w’adwenem no, fa Kyerɛwnsɛm no kyekye “wɔn a wɔn koma abubu werɛ.” (Yes. 61:1, 2) Eyi bɛboa yɛn mu biara ma yɛakɔ so anya anigye ne adwempa.

4 Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no anigye so a, akyinnye biara nni ho sɛ nkurɔfo behu. Enti, momma yɛnna su a Yehowa, yɛn “anigye Nyankopɔn” no wɔ no bi adi bere a yɛreka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ yɛn asasesin mufo no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena