Ɔsatu Soronko a Efi Ase October 16 Kosi November 12!
1 “Atoro Som Awiei Abɛn!” Eyi yɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 37 a yɛbɛkyekyɛ wɔ wiase nyinaa no asɛmti. Yebefi ase wɔ ɔsram a edi hɔ no. Adapɛn abien a edi kan wɔ October mu no, yɛde Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma bɛma. Efi Dwoda, October 16 kosi Kwasida, November 12 no, yɛbɛyere yɛn ho akyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 37 no pii. Yɛde bɛka nsɛmma nhoma a aba foforo ho ama wɔ adapɛn awiei a yɛreyɛ ɔsatu no mu.
2 Henanom na Wobetumi Akyekyɛ Bi: Obiara a ɔyɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo betumi de ne ho ahyɛ mu akosi ase. Ebinom betumi de hokwan no ayɛ akwampaefo aboafo. So wowɔ mma anaa Bible asuafo a wɔrenya Onyankopɔn som mu nkɔso? Boa wɔn ma wonhu mpanyimfo no nhwɛ sɛ wobetumi afata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu anaa. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo hyɛ adawurubɔfo a wɔayɛ mmerɛw nkuran sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn ho behyem bi. Wobetumi ama wɔne adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw abom ayɛ adwuma.
3 Wɔde Ahenni Asɛm a Ɛto so 37 remena asafo ahorow nyinaa, na anyɛ yiye koraa no adawurubɔfo ne akwampaefo nyinaa betumi anya 50. Anigyefo a wɔnnyɛ adawurubɔfo betumi anya anum anum a wɔde bɛma wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo. Ɛsɛ sɛ obiara kyerɛw dodow a ɔde bɛma wɔ asɛnka mu no to baabi, na sɛ October ne November asram no wu a wɔakyerɛw dodow a wɔde mae wɔ ɔsram biara mu no wɔ wɔn asɛnka kyerɛwtohɔ kratasin no akyi. Ɔkyerɛwfo no bɛka dodow a asafo no de mae nyinaa abom na ɔde amena Betel wɔ ɔsram biara awiei. Mubetumi de Ahenni Asɛm no dodow biara a ɛbɛka wɔ ɔsatu no akyi no ama bere biara a mobɛkɔ asɛnka.
4 Nea Wobɛka: Ma w’asɛm nyɛ tiawa, na ɛno betumi ama woakyekyɛ pii. Wubetumi aka sɛ: “Me ne me nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa rekyekyɛ asɛnhia a ɛwɔ kratawa yi mu ama obiara. Wode ni. Ɛyɛ a bɔ mmɔden kenkan.” Ɛbɛyɛ papa sɛ woremfa bag nkɔ asɛnka. Hwɛ sɛ wobɛyɛ wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye ho kyerɛwtohɔ.
5 Sɛnea Wobɛyɛ W’asasesin Mu Adwuma Yiye: Fa yɛ wo botae sɛ wobɛkyekyɛ Ahenni Asɛm no dodow no ara wɔ afie afie ne asasesin a nnwuma wom no mu sen sɛ wobɛyɛ wɔ mmɔnten so. Yɛ wɔn a worento wɔn wɔ fie no ho kyerɛwtohɔ na bɔ mmɔden sɛ wobɛsan akɔ hɔ bere foforo anaa da foforo wɔ nnawɔtwe no mu. Efi Dwoda, November 6 no, wubetumi agyaw bi ama wɔn a worento wɔn wɔ fie no. Nanso, sɛ mo asafo no asasesin so dodo a morentumi nyɛ mu adwuma nwie wɔ bere a wɔde ama no mu a, mpanyimfo no betumi asi ho gyinae ma moagyaw Ahenni Asɛm no bi ama wɔn a morento wɔn wɔ fie no wɔ ɔsatu bere no nyinaa mu.
6 “Babilon Kɛse” no sɛe rebɛn paa. Ɛho hia sɛ nkurɔfo twe wɔn ho fi ne ho ansa na wɔasɛe no koraa. (Adi. 14:8; 18:8) Nea ɛbɛyɛ na woanya ɔsatu a wɔrebɛyɛ wɔ wiase nyinaa de ama obiara ahu sɛ atoro som awiei abɛn yi mu kyɛfa akosi ase no, yɛ nhyehye nnɛ sɛ wode wo ho bɛhyɛ mu!