Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/06 kr. 1
  • Dɛn na Wode Di Kan?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Wode Di Kan?
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wodɔ Me Sen Eyinom Anaa?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • So Mfaso Wɔ Nea Wode Gye W’ani So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Mma Biribiara Ntwe Wo Mfi Yehowa Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Hwɛ Wo Bere So Yiye
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 10/06 kr. 1

Dɛn na Wode Di Kan?

1 Wubebua saa asɛm no dɛn? Ɛyɛ nokware sɛ yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛde Ahenni nneɛma di kan. (Mat. 6:33) Nanso yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So nneɛma a meyɛ no kyerɛ saa?’ Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Monkɔ so mpɛɛpɛɛ mo mu nhwɛ.” (2 Kor. 13:5) Yɛbɛyɛ dɛn apɛɛpɛɛ yɛn mu ahu sɛ yɛde Ahenni no redi kan?

2 Yɛn Bere: Nea edi kan no, yebetumi ahwehwɛ sɛnea yɛde yɛn bere di dwuma no mu. (Efe. 5:15, 16) Bere dodow ahe na yɛde bɔ fekuw, yɛde hwɛ television, yɛde hwehwɛ nneɛma wɔ Intanɛt so, anaa yɛde di agoru nnawɔtwe biara? Sɛ yɛkyerɛw bere dodow a yɛde yɛ eyinom nyinaa na yɛde toto bere dodow a yɛde yɛ Onyankopɔn som adwuma ho a, anhwɛ a ɛbɛyɛ yɛn nwonwa. So yɛde yɛn som adwuma to nkyɛn de bere pii yɛ adwuma na ama yɛatumi anya yɛn ho? Mpɛn ahe na yɛtoto adesua ne asɛnka mu de tu kwan kogye yɛn ani wɔ nnawɔtwe awiei?

3 Fa Nneɛma a Ɛho Hia Paa Di Kan: Yɛn mu dodow no ara nni bere pii a yɛde yɛ nea yɛpɛ nyinaa. Enti sɛ yɛde Ahenni nneɛma bedi kan a, ehia sɛ yɛhwɛ nneɛma a ɛho hia yɛn no na yɛpɛ bere ma “nneɛma a ehia koraa no.” (Filip. 1:10) Eyinom bi ne Onyankopɔn Asɛm a yebesua, asɛnka a yɛbɛkɔ, yɛn abusua a yɛbɛhwɛ wɔn, ne Kristofo nhyiam a yɛbɛkɔ. (Dw. 1:1, 2; Rom. 10:13, 14; 1 Tim. 5:8; Heb. 10:24, 25) Mfaso wɔ nneɛma afoforo te sɛ yɛn apɔw mu a yɛbɛteɛteɛ kakra, ne anigyede a ɛfata so. (Mar. 6:31; 1 Tim. 4:8) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma a ɛho nhia pii yi ka yɛn som adwuma no hyɛ.

4 Onua aberante bi de Ahenni nneɛma dii kan de ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu sen sɛ anka ɔbɛkɔ sukuupɔn a ɛbɛma wanya adwuma ayɛ wɔ wiase no mu. Osuaa kasa foforo kɔsomee wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. Ɔkae sɛ: “M’ani agye paa wɔ ha. Asɛnka yɛ dɛ! Me yam a anka aberante ne ababaa biara bɛyɛ biribi a ɛte sɛɛ na ama wanya anigye a mewɔ yi bi. Biribiara nsen sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa bɛsom Yehowa.” Nokwarem no, Ahenni no a yɛde di kan no ma yenya nhyira pii, nanso nea ɛsen saa no, ɛsɔ Yehowa, yɛn soro Agya no ani.—Heb. 6:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena