Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Dec. 1
“So wususuw sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu yi renya mmamu nnɛ? [Kenkan Mateo 24:11. Afei twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ka nkyerɛkyerɛ ahorow a nnipa pii gye tom ho asɛm. Ɛsan ma yehu nea yebetumi ayɛ na atoro akyerɛkyerɛfo annaadaa yɛn.”
Awake! Dec.
“Hena na wobɛka sɛ ɔyɛ onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn? [Twɛn ma ommua.] Nnipa pii bu Yesu sɛ ɔne onipa a ɔsen biara. Sɛ́ Onyankopɔn Ahenni Sodifo no, hwɛ nea ɔbɛyɛ wɔ asase so. [Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 8-9 no kyerɛ no, na kenkan kyerɛwsɛm a wɔatwe adwene asi so no biako.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu bere a Yesu bɛyɛ eyi ne ɔkwan a ɔbɛfa so ayɛ saa.”
Ɔwɛn-Aban Dec. 15
“Edu saa bere yi a, nnipa pii susuw asɛm a abɔfo no kae bere a wɔwoo Yesu no ho. [Kenkan Luka 2:14.] Wususuw sɛ bere bi bɛba a asomdwoe bɛba asase so ankasa? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ka sɛnea ɛrenkyɛ koraa Yesu de asomdwoe bɛba asase so no ho asɛm.”
Awake! Dec.
“Ɛsono adwene a nyamesom akuw no kura wɔ asanom ho. Wususuw sɛ Onyankopɔn bu asanom dɛn? [Twɛn ma ommua.] Ɛwom sɛ anwonwade a Yesu dii kan yɛe ne sɛ ɔmaa nsu dan nsa, nanso Bible de kɔkɔbɔ yi ma. [Kenkan Mmebusɛm 20:1.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible ka wɔ asɛm no ho.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 18 no kyerɛ no.