Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/07 kr. 7
  • Dɛn ne Aduruyɛ a Edi Mũ Paa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn ne Aduruyɛ a Edi Mũ Paa?
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wunim Nea Wobɛpaw?
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • So Wunim Nea Wobɛpaw?
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Ɛsɛ sɛ Wohwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge Video no Bi
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Hwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge Video no na Nya So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 1/07 kr. 7

Dɛn ne Aduruyɛ a Edi Mũ Paa?

“Sɛ wɔyɛ ɔyarefo bi oprehyɛn na wɔamma no mogya a, na ɛkyerɛ sɛ oprehyɛn no di mũ paa.” Saa na Michael Rose a ɔyɛ oduruyɛfo panyin no kae. Akwan a wɔfa so sa yare ne nnuru a wɔde si mogya ananmu bɛn na wobetumi de adi dwuma bere a wɔreyɛ obi aduru a mogya nka ho? Ɛsɛ sɛ wuhu na woatumi agyina so asi ayaresa ne oprehyɛn ho gyinae pa. Hwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge video no. Ɛno akyi no, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa.—Monhyɛ no nsow: Esiane sɛ wɔatwa oprehyɛn a wɔreyɛ ho mfonini kakra aba video yi mu nti, sɛ awofo ne wɔn mma rehwɛ video yi a, ɛsɛ sɛ wɔde nhumu di dwuma.

(1) Ade titiriw bɛn nti na Yehowa Adansefo nnye mogya? (2) Dɛn na Yehowa Adansefo pɛ sɛ wɔyɛ ma wɔn wɔ aduruyɛ mu? (3) Hokwan titiriw bɛn na ayarefo wɔ? (4) Dɛn nti na ntease ne nyansa wom sɛ wobɛpaw nnuru a wɔde si mogya ananmu? (5) Sɛ mogya pii tu obi a, nneɛma abien a ɛho hia bɛn na nnuruyɛfo betumi ayɛ no ntɛm? (6) Akwan anan bɛn na wɔfa so de nnuru a wɔde si mogya ananmu di dwuma? (7) Dɛn na nnuruyɛfo betumi ayɛ na (a) mogya antu obi pii, (b) amma ɔyarefo anhwere mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ pii, (d) ɔyarefo anya mogya ntɛm (e) ɔyarefo asan anya mogya a wahwere no? (8) Kyerɛkyerɛ (a) hemodilution ne (b) cell salvage mu. (9) Dɛn na ɛsɛ sɛ wuhu wɔ aduru biara a wɔde si mogya ananmu ho? (10) So wobetumi ayɛ oprehyɛn ahorow a ɛyɛ den na ɛyɛ hu a wɔremfa mogya nni dwuma wom? (11) Adepa bɛn na nnuruyɛfo reyɛ?

Ayaresa a wɔka ho asɛm wɔ video no mu no bi yɛ ade a obi ankasa begyina n’ahonim a ɔde Bible atete no so asi ho gyinae. So woasi nnuru a wɔde si mogya ananmu a wobɛpɛ sɛ wo ne wo mma gye no ho gyinae? Ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wo gyinae no ne nea enti a woasi saa gyinae no mu kyerɛ abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no.—Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ June 15, 2004, ne October 15, 2000, Ɔwɛn-Aban no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena