Obiara Betumi Aboa ma Yɛanya Asuafo Foforo
1 Ɛnyɛ onipa baako pɛ mmɔdenbɔ na ɛma obi yɛ osuani foforo. Yehowa betumi afa ne “mfɛfo adwumayɛfo” nyinaa so aboa Bible asuafo ma wɔanya nkɔso wɔ ne som mu. (1 Kor. 3:6-9) Yɛn mu biara nam mmuae a yefi komam ma wɔ Kristofo nhyiam ase ne yɛn abrabɔ pa a ɛda adi yiye sɛ Onyankopɔn honhom yɛ adwuma wɔ yɛn asetra mu no so boa asuafo foforo. (Yoh. 13:35; Gal. 5:22, 23; Efe. 4:22, 23) Dɛn bio na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔyɛ foforo no?
2 Sɛ́ Asafo: Yɛn nyinaa betumi de anigye akyia wɔn a wofi ase ba Kristofo nhyiam ase no ne wɔn abɔ nkɔmmɔ ansa na nhyiam no afi ase, ne bere a yɛapɔn no de akyerɛ wɔn ho anigye. Ɔbarima bi kaa bere a edi kan a ɔkɔɔ Kristofo asafo nhyiam ase ho asɛm sɛ: “Makɔ asɔre fi me mmofraase, nanso minhyiaa nnipa a wɔda ɔdɔ ankasa adi kyerɛ nkurɔfo a wonnim wɔn baabiara da ka saa da no ho. Ná ɛda adi sɛ mahu nokware no.” Asram ason akyi wɔ da a edi kan a ɔkɔɔ asafo nhyiam no, ɔbɔɔ asu.
3 Kamfo Bible suani no bere a ɔrenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu no. So ɔrehyia ɔsɔretia bi? Ɔba asafo nhyiam daa? Wanya akokoduru de ma mmuae? Wakyerɛw ne din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu anaa wafi asɛnka ase? Kamfo no wɔ nkɔso a wanya no ho. Eyi bɛhyɛ no nkuran.—Mmeb. 25:11.
4 Sɛ́ Obi a Woreyɛ Bible Adesua: Adawurubɔfo binom ne adawurubɔfo afoforo akɔ wɔn Bible asuafo hɔ, na wɔnam saayɛ so atumi aboa Bible asuafo no ma wɔahu asafo no mufo. To nsa frɛ osuani no ma ɔmmra asafo nhyiam ntɛm ara. Sɛ ofi ase ba asafo nhyiam a, fa yɛ wo botae sɛ wode no bɛkyerɛ afoforo. So ɔwɔ subammɔne bi, te sɛ sigaretnom, a ɛyɛ den ma no sɛ obedi so? So obi wɔ ne fie a ɔsɔre tia Bible a ɔresua no? Sɛ ɔne ɔdawurubɔfo a watumi agyae adeyɛ a ɛte saa bɔ nkɔmmɔ a, ebetumi aboa no.—1 Pet. 5:9.
5 Wɔn a wɔyɛ foforo no hia asafo no mmoa na wɔanya nkɔso wɔ honhom mu. Obiara betumi akyerɛ wɔn ho anigye de aboa wɔn ma wɔanya nkɔso.