Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/07 kr. 6
  • Dɛn na Wode W’asetra Bɛyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Wode W’asetra Bɛyɛ?
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Young People Ask—What Will I Do With My Life? Video No (Ɔfã 1)
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Young People Ask​—What Will I Do With My Life? Video No (Ɔfã 2)
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Ma Wo Nkɔso Nna Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 4/07 kr. 6

Dɛn na Wode W’asetra Bɛyɛ?

1 Ɛtɔ mmere bi a, wobisa mmofra sɛ, “Sɛ wunyin a, adwuma bɛn na wopɛ sɛ woyɛ?” Bere a woyɛ abarimaa no, anka wobɛka sɛ wopɛ sɛ wugye din wɔ agodi mu? woyɛ oguadini? woyɛ ɔmansin sohwɛfo? Anaa sɛ́ abeawa no, anka wobɛka sɛ wopɛ sɛ woyɛ odwontofo? ɔyarehwɛfo? ɔsɛmpatrɛwfo? Seesei a woanyin yi, ɛsɛ sɛ wubisa wo ho asɛm foforo, ‘Dɛn na mede m’asetra bɛyɛ?’ Woasiesie wo ho sɛ wubesi ho gyinae?

2 Nea ɛbɛboa wo ma woasi gyinae pa no, Yehowa ahyehyɛde no ayɛ Young People Ask—What Will I Do With My Life? wɔ DVD so. Bɔ mmɔden hwɛ bi na susuw emu nsɛm a drama, nsɛm a wobisabisa, ne nsɛm afoforo a ɛwɔ so no ho anibere so. Wɔahyehyɛ emu nsɛm no wɔ adaka “Main Menu” mu.

3 Drama: Bere a worehwɛ drama no, susuw nsɛmmisa yi ho: (1) Nneɛma bɛn na ɛma Andre yɛ obi a ɔsɛ Timoteo a wɔka ne ho asɛm wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no? (Aso. 16:1; 1 Tim. 4:8; 2 Tim. 1:5) (2) Henanom na wɔhyɛɛ Andre sɛ ɔnyere ne ho paa wɔ mmirikatu mu, na ɔkwan bɛn na wɔfaa so yɛɛ saa? (3) Henanom na wɔboaa Timoteo ne Andre ma wosii gyinae pa, na akwan bɛn so na wɔyɛɛ saa? (2 Tim. 1:1-4; 3:14, 15) (4) Afotu a ɛwɔ Mateo 6:24 ne Filipifo 3:8 no kaa Andre dɛn, na ɛka wo nso dɛn?

4 Selected Scenes (Drama no afã bi): Sɛ wohwɛ drama no nyinaa wie a, san bɔ afã a edidi so yi, na bua nsɛmmisa no. “Paul and Timothy”: Afotu a etwa to bɛn na Paulo de maa Timoteo? (2 Tim. 4:5) “Giving Jehovah Your Best”: Onyankopɔn som mu botae bɛn na wode asi w’ani so? “Taking a Stand for Jehovah”: Dɛn na ɛma obi nya anigye ankasa? “Grandmother’s Advice”: Ɛyɛ mfomso sɛ obi begye din wɔ Satan wiase yi mu? (Mat. 4:9) “No Regrets”: Dɛn na sɛ wuhu a, ɛbɛboa wo ma woanya anigye wɔ asetram?—Mmeb. 10:22.

5 Interviews (Nsɛm a wobisabisa): Bere a worehwɛ afã a edidi so yi mu biara no, wususuw sɛ dɛn na wubetumi ayɛ de nea ɛsen biara ama Yehowa? (1) “Dedication to Vain Pursuits or to God?” (1 Yoh. 2:17); (2) “Learning to Enjoy Your Ministry” (Dw. 27:14); ne (3) “An Open Door to Service.”—Mat. 6:33.

6 Looking Back (Wosusuw wɔn kan asetra ho): Wubetumi abua? (1) Adwuma bɛn na na onua ne onuawa no yɛ, na dɛn ntia? (2) Esii wɔn dɛn? (3) Dɛn na ɛmaa wɔn mu biara sakrae? (2 Kor. 5:15) (4) Onyankopɔn som mu adwuma bɛn na wɔde sii nea na wɔyɛ no ananmu, na dɛn nti na wɔtee nka sɛ wɔrentumi nyɛ abien no nyinaa? (5) So wɔanu wɔn ho sɛ wɔsesaa wɔn asetram botae? (6) Dɛn na wɔkae a ne titiriw no, ama woasusuw nea ɛsɛ sɛ wode w’asetra yɛ ho?

7 Supplementary Interviews (Nsɛm afoforo a wobisabisa): Dɛn na woasua a wubetumi ayɛ de asom Yehowa yiye wɔ nsɛm a wobisabisa yi mu? (1) “The Value of Personal Study,” (2) “Alternative Witnessing,” (3) “Bethel Service,” (4) “Gilead Missionary Training,” ne (5) “Ministerial Training School.” Hwɛ “Index to Published Information on Related Subjects” no, na kenkan nea w’ani gye ho kɛse no ho nsɛm pii.

8 Enti woasi nea wode w’asetra bɛyɛ ho gyinae? Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ: “Dwennwene eyinom ho; fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.” (1 Tim. 4:15) Yɛhyɛ wo nkuran sɛ yɛ saa ara wɔ nea woahu na woate wɔ DVD yi so no ho. Srɛ Yehowa na ɔmmoa wo na si gyinae a nyansa wom a ɛbɛma woanya anigye ne akomatɔyam ankasa wɔ asetram seesei ne daakye.

[Kratafa 6 adaka]

MAIN MENU

Play Drama

Scenes (11 selections)

Interviews

Play All

Sections (3 selections)

Looking Back

Supplementary Material

Supplementary Interviews

Index to Published Information on Related Subjects

Subtitles

Hearing Impaired

None

Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ɛwɔ menu no so a, fa Next ▶, ◀ Back, ne Main Menu no di dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena