‘Ɔno na Ɔma Nea Wabrɛ Tumi’
1 Ɛtɔ bere bi a, yɛn nyinaa brɛ. Ɛnyɛ adwuma anaasɛ biribi foforo a yɛyɛ nko na ebetumi ama aba saa, na mmom nsɛnnennen a yehyia wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu nso ka ho. (2 Tim. 3:1) Sɛ́ Yehowa asomfo no, yɛyɛ dɛn na yetumi nya honhom fam ahoɔden a yehia no de kɔ so yɛ yɛn asɛnka adwuma no? Yɛyɛ saa denam yɛn ho a yɛde to nea ɔwɔ “tumi dodow” a ɔne Yehowa no so. (Yes. 40:26) Onim nea yehia na n’ani gye ho ankasa sɛ ɔbɛboa yɛn.—1 Pet. 5:7.
2 Yehowa Nsiesiei: Yehowa nam ne honhom kronkron no, tumi koro no ara a ɔde bɔɔ amansan no so hyɛ yɛn den. Sɛ yɛbrɛ a, Onyankopɔn honhom boa yɛn ma ‘yenya ahoɔden foforo.’ (Yes. 40:31) Bisa wo ho sɛ, ‘Bere bɛn ne bere a etwa to a mehyɛɛ da bɔɔ mpae srɛɛ honhom kronkron sɛ ɛnhyɛ me den mma minni me Kristofo asɛyɛde ho dwuma?’—Luka 11:11-13.
3 Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no da biara na yedwennwen ho na yesua Kristofo nhoma ahorow a, ɛbɛhyɛ yɛn den wɔ honhom mu. Ɛbɛma yɛayɛ te sɛ “dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo.”—Dw. 1:2, 3.
4 Yehowa de yɛn mfɛfo gyidifo a wobetumi ayɛ ‘aboafo a wɔhyɛ yɛn den’ nso di dwuma. (Kol. 4:10, 11) Wɔde wɔn nkɔmmɔbɔ, wɔn mmuae ne wɔn kasa ahorow a ɛhyɛ nkuran no hyɛ yɛn den wɔ asafo nhyiam horow ase. (Aso. 15:32) Kristofo mpanyimfo titiriw de honhom fam mmoa ne nkuranhyɛ a ɛma denhyɛ ma yɛn.—Yes. 32:1, 2.
5 Asɛnka: Sɛ wote nka sɛ woreyɛ abrɛ a, nnyae asɛnkakɔ! Esiane sɛ asɛnka nte sɛ nnwuma afoforo nti, sɛ yɛkɔ daa a, ɛhyɛ yɛn den ankasa. (Mat. 11:28-30) Asɛmpa a yɛka no boa yɛn ma yɛde yɛn adwene si Onyankopɔn Ahenni, daa nkwa ne nneɛma pa a yɛwɔ anidaso sɛ yebenya no so.
6 Pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na wɔasɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne yi. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ yɛn som adwuma no na yɛde yɛn ho “to ahoɔden a Nyankopɔn de ma so.” (1 Pet. 4:11) Yɛnam Yehowa mmoa so bewie yɛn adwuma no, efisɛ ‘ɔma nea wabrɛ no tumi.’—Yes. 40:29.