Yɛn Ani Gye sɛ Yɛbɔ Yɛn Ho Mmɔden wɔ Yehowa Som Mu!
1 Ɔsomafo Paulo ani gyei sɛ ‘ɔde ne ho mae korakora’ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ ne Kristofo som adwuma no. (2 Kor. 12:15) Saa ara na ɛnnɛ nso, Kristofo pii de nsi yɛ adwuma sɛ akwampaefo. Afoforo a wɔwɔ abusua mu asɛyɛde a emu yɛ duru nya bere fi wɔn nnwuma pii a wɔyɛ no mu de kɔ asɛnka dapɛn biara. Ebinom a wɔwɔ nyarewa a emu yɛ den de ahoɔden kakra a wɔwɔ no ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo. Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ ɛmfa ho mfe a Yehowa nkurɔfo adi anaa sɛnea wɔn nsɛm tebea te no, wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ Yehowa som mu!
2 Yɔnkodɔ: Nea yebetumi nyinaa a yɛyɛ de som Yehowa ne ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko no ma yenya ahonim pa. Esiane sɛ Paulo tuu ne ho sii hɔ de kaa asɛmpa no nti, otumi de anigye kae sɛ: “Miyi mo adansefo nnɛ da yi sɛ me ho afi nnipa nyinaa mogya ho.” (Aso. 20:24, 26; 1 Tes. 2:8) Ɔsom adwuma no a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu sɛnea yɛn nsɛm tebea bɛma yɛn kwan no remma yenni mogya ho fɔ.—Hes. 3:18-21.
3 Mmɔden a yɛbɛbɔ de aboa afoforo no ma yenya anigye. (Aso. 20:35) Onua bi kae sɛ: “Sɛ ade sa na mifi asɛnka ba fie a, mete nka sɛ mabrɛ. Nanso m’ani gye, na meda Yehowa ase sɛ wama manya anigye a obiara ntumi nnye mfi me nsam.”
4 Onyankopɔn ho Dɔ: Ade titiriw a enti yɛbɔ yɛn ho mmɔden wɔ Yehowa som mu ne sɛ ɛma yɛn soro Agya no ani gye. Onyankopɔn ho dɔ kanyan yɛn ma yedi n’ahyɛde, a asɛnka ne asuafo a yɛyɛ ka ho no so. (1 Yoh. 5:3) Sɛ nkurɔfo yɛ anibiannaso anaa wɔsɔre tia yɛn mpo a, yɛde anigye kɔ so yɛ adwuma denneennen ma Yehowa.
5 Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho. Yɛte bere a wɔreyɛ otwa adwuma no mu. (Mat. 9:37) Sɛ edu otwabere a, okuafo taa de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma efisɛ sɛ wamma ne ho anyɛ hare a, nnɔbae no bɛsɛe. Bere a wɔde ama sɛ yɛmfa nyɛ honhom fam otwa adwuma no nso sua. Bere a yɛma bere a yɛwom yi tra yɛn adwenem no, momma yɛn nyinaa nkɔ so nyere yɛn ho denneennen wɔ ɔsom adwuma no mu.—Luka 13:24; 1 Kor. 7:29-31.