Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/07 kr. 4
  • Nea Enti a Yɛsan Kɔ Mpɛn Pii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Yɛsan Kɔ Mpɛn Pii
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Yɛayɛ Yɛn Asasesin no Mu Adwuma Mpɛn Pii!”
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Mommmrɛ Papayɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokɔ So Ka Asɛm No?
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Dɛn Nti na Yɛkɔ So Ara Kɔ Nkurɔfo Nkyɛn?
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 7/07 kr. 4

Nea Enti a Yɛsan Kɔ Mpɛn Pii

1. Asɛmmisa bɛn na ɛsɔre wɔ yɛn asɛnka adwuma no ho?

1 Wɔ mmeae pii no, yɛtaa yɛ yɛn asasesin mu adwuma wie. Yɛsan kɔ afie a yɛakɔ mu no ara mu mpɛn pii ɛmfa ho sɛ ebia ofiewura no aka akyerɛ yɛn sɛ n’ani nnye ho no. Dɛn nti na yɛkɔ so ka asɛm no kyerɛ wɔn a bere bi wɔankyerɛ asɛm no ho anigye no?

2. Ade titiriw bɛn nti na yɛkɔ so ka asɛm no?

2 Ɔdɔ a Yɛwɔ Ma Yehowa ne Nnipa: Yehowa ho dɔ ne ade titiriw a enti yɛkɔ so ka asɛm no. Yɛn koma ka yɛn ma yɛkɔ so ka yɛn Nyankopɔn kɛse no ho asɛm kyerɛ afoforo. (Luka 6:45) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ka yɛn ma yedi n’ahyɛde so na yɛboa afoforo nso ma wɔyɛ saa ara. (Mmeb. 27:11; 1 Yoh. 5:3) Nokwaredi a yɛde yɛ adwuma yi nnyina sɛnea afoforo yɛ wɔn ade no so. Bere a wɔtaa afeha a edi kan Kristofo no mpo no, wɔkɔɔ so kaa asɛm no a “wɔannyae.” (Aso. 5:42) Sɛ nkurɔfo antie asɛm no a, sɛ́ anka yɛbɛma abu yɛn abam no, yegyina pintinn mmom de da ɔdɔ ne ahofama a emu yɛ den a yɛwɔ ma Yehowa no adi.

3. Ɔkwan bɛn so na nnipa ho dɔ bɛboa yɛn ma yɛakɔ so aka asɛm no?

3 Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn mfɛfo nso nti na yɛkɔ so ka asɛm no. (Luka 10:27) Yehowa mpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara. (2 Pet. 3:9) Wɔ asasesin a yɛtaa yɛ mu adwuma mpo mu no, yɛda so ara renya wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa. Sɛ nhwɛso no, wɔ Guadeloupe a nnipa 56 biara mu 1 yɛ Yehowa Dansefo no, wɔbɔɔ nnipa 214 asu afe a etwaam no mu. Ɛkame ayɛ sɛ nnipa 20,000 na wɔkɔɔ Nkaedi no. Eyi yɛ nnipa a wɔwɔ Guadeloupe no 22 biara mu 1!

4. Akwan bɛn so na nsakrae tumi ba asasesin mu?

4 Nsakrae Tumi Ba Asasesin no Mu: Nnipa foforo kɔ so ba yɛn asasesin mu. Bere foforo a yɛbɛkɔ fie bi a wɔantie yɛn asɛm wom no, abusua no muni foforo a ebia ɔntee yɛn asɛm no bi da betumi abue pon no atie yɛn. Anaa ebia yebehu nnipa foforo a wɔabɛtra hɔ a wɔn ani gye asɛm no ho. Mmofra a wɔn awofo mpɛ nokware no nyin na wofi fie. Ebia nnipa a wɔte saa no bɛpɛ sɛ wotie Ahenni asɛm no.

5. Dɛn na ebetumi ama nkurɔfo atie asɛm no?

5 Nnipa nso sakra. Bere bi na ɔsomafo Paulo yɛ ‘mmusubɔfo, obi a ɔtaa nkurɔfo, na na ɔyɛ aniammɔho.’ (1 Tim. 1:13) Saa ara na bere bi na nnipa pii a wɔresom Yehowa nnɛ no ani nnye nokware no ho. Ebia ebinom mpo sɔre tiaa asɛmpa no bere bi. Bere a wiase nsɛm tebea sesa no, ebia ɛbɛka asɔretiafo binom anaa wɔn a na wɔmfa nokware no nyɛ hwee no ma wɔatie. Sɛ asɛmmɔne bi te sɛ obusuani bi wu, obi adwuma a efi ne nsa, sikasɛm mu ahokyere anaa yare bɔ obi a, ebetumi ama watie asɛm no.

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de nnamyɛ ka asɛm no?

6 Wiase yi rekɔ n’awiei, nanso yɛn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no renya nkɔanim. (Yes. 60:22) Enti, yɛkɔ so de nnamyɛ ka asɛm no, na yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya adwempa. Ebia onipa a odi hɔ a yɛne no bɛkasa no betie. Ɛho hia sɛ yɛkɔ so ka asɛm no! ‘Sɛ yɛyɛ saa a, yebegye yɛn ho ne wɔn a wotie yɛn no nkwa.’—1 Tim. 4:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena