Yɛka Ahenni Anidaso a Yɛwɔ no ho Asɛm Kyerɛ Afoforo
1 Wɔ nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu no, wiase yi mu nnipa pii nni anidaso. (Efe. 2:12) Ebinom adi mfomso de wɔn werɛ ahyɛ ahonyade, atumfoɔ, nnɛyi nyansahu, ne nea ɛkeka ho mu. Hwɛ anigye ara a yɛwɔ sɛ yɛwɔ daakye ho anidaso ankasa, anidaso a ɛyɛ “ɔkra sɛkyɛ a etim hɔ na ɛyɛ pintinn”!—Heb. 6:19.
2 Asase bɛdan paradise wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase. Wobenyan adɔfo a wɔawuwu. (Aso. 24:15) Ohia, atɛnkyea, ɔyare, mpanyinyɛ, ne owu befi hɔ. (Dw. 9:18; Mat. 12:20, 21; Adi. 21:3, 4) Eyinom yɛ Yehowa bɔhyɛ a ɛrenkyɛ ɛbɛba mu no mu bi. Anidaso a yɛwɔ no mu nea ɛwɔ he paa na wohwɛ kwan?
3 Ka Asɛmpa No: Ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni anidaso a yɛwɔ no ho asɛm kyerɛ afoforo. Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa ho dɔ ka yɛn ma yesuasua Yesu na ‘yɛka asɛmpa kyerɛ ahiafo, yɛka ogye ho asɛm kyerɛ nnommum na yɛma anifuraefo hu ade, na yɛma wɔn a wɔabubu de wɔn ho.’ (Luka 4:18) Ɔsomafo Paulo kaa asɛmpa no wɔ gua so ne baabiara a onyaa nnipa. Paulo maa asɛm no gyee ne bere nyinaa. (Aso. 18:5) Sɛ yesuasua nsi a ɔde yɛɛ asɛnka adwuma no a, ɛremma “wiase yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa” nsɛe anidaso a yɛwɔ sɛ Kristofo no.—Mar. 4:19.
4 Sɛ yehyia nkurɔfo a wɔn ani nnye asɛm no ho, wommu Ahenni asɛm a yɛka no, anaa wɔsɔre tia yɛn a, yɛn aba mu mmu, na mmom yɛkɔ so kura Ahenni anidaso a yɛwɔ no mu. ‘Yeso anidaso ho mpaemuka no mu pintinn a yenhinhim.’ (Heb. 10:23) ‘Yɛn ani nwu asɛmpa no ho.’ (Rom. 1:16) Ebetumi aba sɛ awiei koraa no, gyidi ne animia a yɛda no adi no bɛka ebinom ma wɔatie asɛm no.
5 Ɛwom sɛ ɛfata sɛ yɛtwe adwene si wiase nsɛm tebea a ɛresɛe a ɛma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu no so de, nanso ɛnyɛ ɔsɛe ho asɛm titiriw na yɛka. Mmom no, yɛn asɛnka adwuma no twe adwene si Ahenni anidaso—Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no so. Momma yɛmfa ahotoso ne nsi nka asɛmpa yi na ‘yɛanya anidaso no mu awerɛhyem a edi mũ akosi ase.’—Heb. 6:11.