Kyekye Wɔn a Wɔn Koma Abubu Werɛ
1 Ɛnnɛ, nnipa hia awerɛkyekye sen bere biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Esiane sɛ yedi yɛn Hene, Kristo Yesu akyi nti, yɛn nso yɛbɔ mmɔden ‘kyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ.’—Yes. 61:1.
2 Ɔkwan a Yɛbɛfa So: Sɛ yebetumi akyekye nkurɔfo werɛ a, ɛsɛ sɛ yesusuw nkurɔfo ho yiye wɔ asɛnka mu na yɛka asɛm a ɛhyɛ nkuran. Ɛsɛ sɛ yɛka Kyerɛwnsɛm mu nokware ne anidaso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛma awerɛkyekye no ho asɛm pii wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ mu sen sɛ yɛbɛka abɔnefosɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase ne atoro nkyerɛkyerɛ ho nsɛm pii. Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ yɛka Harmagedon ho asɛm. Ahyɛde a wɔde ama yɛn ne sɛ yɛnka “[Yehowa, NW] anisɔ afe, ne yɛn Nyankopɔn aweredi da no” na ‘yɛmmɔ ɔbɔnefo kɔkɔ sɛ omfi ne kwammɔne so.’ Nanso ɛnyɛ adwene no ne sɛ yɛbɛma Harmagedon ho kɔkɔbɔ ne sɛnea ɛbɛsɛe nneɛma no abunkam Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a yɛka no so.—Yes. 61:2; Hes. 3:18; Mat. 24:14.
3 Afie Afie Mu: Yɛtaa hu nnipa a wɔn abam abu esiane ɔyare, wɔn dɔfo bi wu, ntɛnkyea anaa sikasɛm mu ahokyere nti. Sɛ́ nnipa a yɛresuasua Kristo no, nkurɔfo a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no asɛm ‘yɛ yɛn mmɔbɔ’ na yɛte nka ma wɔn. (Luka 7:13; Rom. 12:15) Sɛ yɛkenkan kyerɛwsɛm biako anaa abien a ɛfa onipa no haw ho mpo kyerɛ no a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ “ntɛm asɛntie ho,” na ama onii no anya kwan aka sɛnea ɔte nka. (Yak. 1:19) Sɛ yedi kan tie no a, ɛbɛma yɛatumi akyekye ne werɛ yiye.
4 Bere a nkɔmmɔbɔ no rekɔ so no, sɛ yehu sɛ ɛfata a, yebetumi aka sɛ, “Mepɛ sɛ meka Bible mu asɛm bi a ɛhyɛ nkuran kyerɛ wo.” Ɛsɛ sɛ yɛde nhumu yɛ adwuma na yɛammɔ asɛm a ɛnteɛ biara a ebia onipa no bɛka no angu. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no bɛhyɛ onipa no nkuran na yɛakyekye ne werɛ. Ɛdefa eyi ho no, wubetumi ahwɛ Reasoning From the Scriptures nhoma no kratafa 117-121 wɔ asɛmti “Encouragement” (Nkuranhyɛ) ase. Anaa wubetumi de Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wɔahaw kratawa no ama ofiewura no na wo ne no asusuw emu nsɛm a ɛhyɛ nkuran no ho.
5 Hwehwɛ Hokwan Fa Kyekye Afoforo Werɛ: Wunim ofipamfo, yɔnko dwumayɛni, obi a wo ne no kɔ sukuu, anaa obusuani bi a ohia awerɛkyekye? Dɛn nti na wommɔ mmɔden nkɔ nnipa a wɔte saa no fie nkɔsra wɔn a botae no ne sɛ wode Kyerɛwnsɛm no bɛkyekye wɔn werɛ? Esiane sɛ wunim nea enti a wohia awerɛkyekye nti, wubetumi asiesie wo ho ama saa tebea no. Ebinom akyerɛw nkrataa anaa wɔafrɛ nnipa a wɔte saa no wɔ telefon so akyekye wɔn werɛ. Yɛn yɔnko nnipa ho dɔ bɛka yɛn ma yɛanya tema na yɛde Kyerɛwnsɛm no akyekye wɔn werɛ.—Luka 10:25-37.
6 Nokwarem no, wɔama yɛn ahyɛde sɛ yɛnkyekye nkɔmmɔdifo werɛ, na yɛmma wɔn a wɔn werɛ ahow ani nnye, na wonnya daakye ho anidaso a edi mũ. Eyi ne awerɛkyekye a nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa hia. Sɛ yɛde anigye ka nneɛma pa a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no ho asɛm a, ɛbɛkyekye nnipa komapafo werɛ na ama wɔanya anidaso. Momma yɛnkae bere nyinaa sɛ ehia sɛ yɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu no werɛ.