Nkaedi Ho Nkaebɔ
Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo hwɛ sɛ wobedi nsɛm yi so bere a wɔresiesie wɔn ho ama Nkaedi no:
◼ Monhwɛ sɛ owia bɛtɔ ansa na mode abodoo ne bobesa no afa nnipa no anim.
◼ Ɛsɛ sɛ munya abodoo ne bobesa a ɛfata sisi hɔ.—Monhwɛ February 15, 2003, Ɔwɛn-Aban, kratafa 14-15.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan de mprɛte, glass, ɔpon ne ɔpon so tam a ɛfata kɔ asa no so kɔhyehyɛ.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan siesie Ahenni Asa no so anaa beae foforo a mubehyia no fɛfɛɛfɛ.—km-TW 3/04, kr. 3, nky. 3-5.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan paw wɔn a wobegye ahɔho ne wɔn a wɔde abodoo ne bobesa no bɛfa nnipa no anim, na mokyerɛ wɔn nnwuma a wɔbɛyɛ, ɔkwampa a wɔbɛfa so ayɛ no, ne hia a ehia sɛ wosiesie wɔn ho ma ɛfata.
◼ Ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe de abodoo ne bobesa no bi kɔma wɔn a wɔasra wɔn no mu biara a esiane ahoɔden a onni nti, ontumi mma no.
◼ Sɛ asafo abien anaa nea ɛboro saa na wobehyiam wɔ Ahenni Asa biako so a, ɛsɛ sɛ nkitahodi pa kɔ so wɔ asafo ahorow no ntam na wɔankɔkyere so wɔ abrannaa no so anaa apon no ano, anammɔn kwan a wɔfa so, ne beae a wɔde kar sisi no.
◼ Sɛ mubegye baabi foforo de ayɛ Nkaedi no a, ɛsɛ sɛ mohwɛ sɛ mubenya akasam afiri a ɛfata wɔ hɔ na ama wɔn a wɔbɛba nyinaa atumi ate asɛm a ɔkasafo no bɛka no.