“Monkyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ”
1 Bere a Yesu saa akwatafo du yare no, wɔn mu baako pɛ na ɔsan kɔdaa no ase. Yesu bisae sɛ: “Edu na wɔn ho fii, ɛnte saa? Ɛnde, akron a aka no wɔ he?” (Luka 17:11-19) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛkyerɛ akyɛde pa ne adekyɛde biara a ɛyɛ pɛ a Yehowa Nyankopɔn, yɛn soro Agya ɔyamyefo a ɔwɔ ɔdɔ no de ma yɛn no ho anisɔ na yɛda no ase wɔ ho!—Kol. 3:15; Yak. 1:17.
2 Nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ no bi ne dɛn? Yɛn ani sɔ agyede a ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde a ɛsen biara a ɔde ama nnipa no. (Yoh. 3:16) Yɛda Yehowa ase nso sɛ watwe yɛn aba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Yɛn Kristofo biakoyɛ no nso yɛ ade foforo a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ. (Dw. 133:1-3) Akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi adwen akyɛde afoforo pii a efi Yehowa hɔ no ho. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Israelfo bonniayɛfo a wɔn werɛ fii nneɛma a Yehowa yɛ maa wɔn no da!—Dw. 106:12, 13.
3 Da no Adi sɛ Wowɔ Anisɔ: Ɛwom sɛ ɛbɛyɛ sɛ akwatafo du no nyinaa ani sɔɔ nea Yesu yɛ maa wɔn no de, nanso wɔn mu biako pɛ na ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ anisɔ. (Luka 17:15) Saa ara na yɛn nso yɛde nsi yɛ asɛnka adwuma no de kyerɛ sɛ yɛwɔ anisɔ. Sɛ yɛkyerɛ nea yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ayɛ ama yɛn no nyinaa ho anisɔ paa a, yɛn koma bɛkanyan yɛn ma yɛaka ne ho asɛm akyerɛ afoforo de asuasua ne dɔ ne n’ayamye. (Luka 6:45) Sɛ yɛka Yehowa ‘anwonwade a wayɛ ama yɛn ne sɛnea ɔdwene yɛn ho’ no ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɔdɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa no bɛyɛ kɛse.—Dw. 40:5.
4 Kanyan Afoforo Ma Wɔnna Anisɔ Adi: Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so aboa yɛn mma ne Bible asuafo ma wɔanya anisɔ. Awofo wɔ hokwan pii a wɔde bɛyɛ eyi—ebi ne bere a wɔne wɔn mma rehwɛ Yehowa abɔde no. (Rom. 1:20) Sɛ yɛreyɛ Bible adesua a, yebetumi abisa yɛn suani no sɛ: “Dɛn na eyi ma yesua wɔ onii ko a Yehowa yɛ no ho?” Bere a osuani no anisɔ reyɛ kɛse no, saa ara na ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn ne sɛnea wasi ne bo sɛ ɔbɛsom no no bɛyɛ kɛse.
5 Nnipa pii yɛ bonniayɛfo wɔ nna a edi akyiri yi mu. (2 Tim. 3:1, 2) Hwɛ sɛnea Yehowa ani begye sɛ obehu sɛ n’asomfo a wɔwɔ ahofama nam nsi a wɔde yɛ asɛnka adwuma no so da anisɔ adi!—Yak. 1:22-25.