Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/08 kr. 1
  • “Momfa Me Kɔndua Nto Mo ho So”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Momfa Me Kɔndua Nto Mo ho So”
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Ɔhome A Mubenya Ama Mo Kra’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • “Me Kɔndua Yɛ Mmerɛw, na M’adesoa Yɛ Hare”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • ‘Munnya Ɔhome Mma Mo Kra’
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Yesu Maa Nkurɔfo Ho Dwoo Wɔn
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 5/08 kr. 1

“Momfa Me Kɔndua Nto Mo ho So”

1 Yesu kɔndua a ɔkae sɛ yennye ma yɛn ho nnwo yɛn a yɛagye no ama yɛanya ahotɔ ankasa wɔ wiase a ɔhaw ne dadwen ahyɛ mu ma yi mu. (Mat. 11:29, 30) Yesu kɔndua a yebegye ato yɛn ho so abɛyɛ n’asuafo no gye mmɔdenbɔ de, nanso ɛma yɛn ho dwo yɛn. Ɛhwehwɛ sɛ yɛka Ahenni no ho asɛmpa na yɛboa afoforo ma wɔne yɛn nya akomatɔyam wɔ Yesu kɔndua a ɛyɛ mmerɛw no ase.—Mat. 24:14; 28:19, 20.

2 Asɛnka Ma Yɛn Ani Gye: Yesu anka ankyerɛ n’akyidifo sɛ wɔmfa n’adesoa nka wɔn de ho nsoa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn adesoa a emu yɛ duru no mmegye ne de a ɛyɛ hare no. Dadwen ne abasamtu a ɛwɔ wiase yi mu no nhyɛ yɛn so bio; saa ara nso na yemmiri yɛn mogya ani mpɛ ahonyade a enni nnyinaso. (Luka 21:34; 1 Tim. 6:17) Ɛwom sɛ yenni adagyew, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma de nya nea yehia da biara de, nanso Onyankopɔn som ne ade titiriw wɔ yɛn asetram. (Mat. 6:33) Sɛ yenya adwene a ɛteɛ wɔ nea ɛho hia paa ho a, asɛnka adwuma no bɛma yɛanya akomatɔyam bere nyinaa, na ɛrenyɛ adesoa.—Filip. 1:10.

3 Mpɛn pii no, yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛka nea ɛda yɛn koma so ho asɛm. (Luka 6:45) Yehowa ne ne nhyira a wahyɛ ho bɔ sɛ ɔnam Ahenni no so de bɛba no ho hia Kristofo paa. Enti, hwɛ sɛnea ɛma akomatɔyam sɛ sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, yɛbɛka “nneɛma pa ho asɛmpa” na yɛagyae yɛn haw ho adwennwen! (Rom. 10:15) Nokwarem no, dodow a yɛyɛ biribi no, dodow no ara na yɛn ho kokwaw wom, na ɛma yenya anigye kɛse. Enti sɛ hokwan wɔ hɔ, na yebetumi de bere pii akɔ asɛnka a, ɛbɛma yɛanya akomatɔyam kɛse. Na hwɛ sɛnea sɛ nkurɔfo tie asɛm a yɛka no a, ɛhyɛ nkuran fa! (Aso. 15:3) Sɛ mpo yehyia nkurɔfo a wontie asɛm a yɛka no anaa ɔsɔretia, na yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ yɛn mmɔdenbɔ sɔ Yehowa ani, na biribi pa biara a ebefi mu aba no yɛ ne nhyira a, asɛnka adwuma no bɛma yɛanya akomatɔyam.—Aso. 5:41; 1 Kor. 3:9.

4 Sɛ yegye Yesu kɔndua to yɛn ho so a, yenya hokwan ne no som sɛ Yehowa Adansefo. (Yes. 43:10; Adi. 1:5) Biribiara nni hɔ a ɛma akomatɔyam sen eyi!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena