Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/08 kr. 8
  • Bere a Ofiewura No ne Wo Nka Kasa Koro

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Ofiewura No ne Wo Nka Kasa Koro
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wobɛka Akyerɛ—Nnipa A Ɛsono Wɔn Kasa
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nnipa a Wɔka Ɔman Foforo so Kasa a Yɛbɛboa Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Akwan a Yɛfa So Ka Asɛmpa No
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Kyerɛ a Yɛbɛkyerɛ sɛ Yɛnhwɛ Nnipa Anim wɔ Yɛn Asɛnka Adwuma no Mu
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 6/08 kr. 8

Bere a Ofiewura No ne Wo Nka Kasa Koro

1. Dɛn nti na ɛho abehia paa sɛ asafo ahorow no nya wɔn ho ntease bere a wɔreka asɛm no wɔ asasesin bi mu no?

1 Mpɛn pii no, Ahenni adawurubɔfo hyia nnipa a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye a wɔnka kasa a wɔde yɛ wɔn asafo nhyiam no. Esiane sɛ ebia wɔka kasa afoforo wɔ asasesin bi mu nti, asafo ahorow a ɛsono kasa a wɔka no betumi ayɛ asasesin koro mu adwuma. Ɛbɛyɛ dɛn na asafo ahorow yi anya wɔn ho ntease, na ama wɔaka asɛm no wɔ ɔkwan a ɛfata so?—1 Kor. 14:33.

2. (a) Ɛmfa ho asasesin kõ a yɛyɛ mu adwuma no, dɛn na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ? (b) Sɛ yɛreka asɛm no wɔ afie afie mu a, yɛbɛyɛ dɛn ne kuw anaa asafo a ɛka kasa foforo a ɛwɔ yɛn hɔnom no abom ayɛ adwuma?

2 Ntease Ho Hia: Sɛ ɔdawurubɔfo bi reka asɛm wɔ abɔnten so anaa ɔredi adanse bɔnnɔ so a, ɛsɛ sɛ ɔka asɛm no kyerɛ obiara, a wɔn a wɔka kasa foforo nso ka ho a onsuro, na ɔde nhoma a ɛwɔ kasa a onipa no pɛ sɛ ɔkenkan mu no ma no. Saa ara na adawurubɔfo betumi aka asɛm no akyerɛ obiara bere a wɔreyɛ afie afie asɛnka no. Sɛ ɔdawurubɔfo bi te kasa a ofiewura no ka a, ɛsɛ sɛ odi no adanse ɛmfa ho sɛ ɛnyɛ saa kasa no na ɔdawurubɔfo no asafo no ka no. Sɛ asafo ahorow yɛ adwuma wɔ asasesin koro mu a, ɛho hia paa sɛ wɔyɛ kyerɛwtohɔ pa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkɔ onipa baako hɔ mpɛn pii. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma so ahwɛfo no ne wɔn ho di nkitaho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ asasesin bi mu adwuma dodo.—Mmeb. 11:14.

3. Sɛ yɛne obi a ɔnte kasa a yɛn asafo no de yɛ nhyiam no yiye fi Bible adesua ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ, na dɛn ntia?

3 Yehia Ɔdɔ a Pɛsɛmenkominya Nnim: Ɛtɔ mmere bi a, ɔdawurubɔfo bi betumi ne obi a ɔnte asafo a ɔdawurubɔfo no wom no kasa yiye ayɛ Bible adesua. Sɛ adesua no tim, na sɛ osuani no pɛ sɛ ofi ase kɔ asafo nhyiam ahorow a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no yɛ? Ɛyɛ den ma adawurubɔfo binom sɛ wɔbɛdan adesua no ama ɔdawurubɔfo a ɔwɔ asafo a wɔka osuani no kasa mu no. Nanso ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma osuani no ka yɛn ma yɛyɛ nea ɛbɛboa no. Ɛsɛ sɛ ɔdan adesua no ma ɔdawurubɔfo a obetumi ne no ayɛ adesua no yiye a ɔwɔ asafo a wɔka osuani no kasa mu. Eyi bɛboa osuani no ma wanya asafo nhyiam ahorow no so mfaso kɛse.

4. Sɛ yehyia adawurubɔfo a wɔwɔ kuw anaa asafo a wɔka kasa foforo mu wɔ asasesin koro mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

4 Yɛyɛ Adwuma Koro: Na sɛ adawurubɔfo a wofi asafo afoforo mu reka asɛm no wɔ asasesin koro mu wɔ saa da no ara mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Nokwarem no, Kristofo dɔ nti, ɛnsɛ sɛ kasa a obi ka yɛ akwanside, mmom no, ɛsɛ sɛ obiara de n’adwene si nnipa a wɔwɔ asasesin no mu so titiriw. (Yoh. 13:34, 35) Enti wɔn a wodi anim no bɛda ntease ne ɔdɔ adi, na wɔahwɛ sɛ ebia kuw biako betumi akɔyɛ adwuma wɔ asasesin foforo mu anaa.—Yak. 3:17, 18.

5. Nkɔmhyɛ bɛn na ɛrenya mmamu nnɛ?

5 Bible hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa a wofi kasa ahorow nyinaa mu bɛte asɛmpa no. (Adi. 14:6, 7) Sɛ yɛn nyinaa nya yɛn ho ntease a, ɛremma da sɛ adawurubɔfo a wofi asafo ahorow mu a wɔka kasa foforo no behyia mu wɔ afie koro mu, na ɛbɛma wɔatumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa afoforo pii, a wɔn a wɔka kasa foforo nso ka ho.—Efe. 4:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena