Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
Da koro nhyiam titiriw dwumadi a yɛbɛyɛ no 2009 ɔsom afe mu no asɛmti ne ‘Hwɛ Ɔsom Adwuma a Wugyei No So, Na Wie,’ na egyina Kolosefo 4:17 so. Sɛ́ Kristofo no, yɛfa afotu yi aniberesɛm. Yɛn botae ne sɛ yɛde nokwaredi bewie yɛn som adwuma no sɛnea Yesu yɛe no. (Yoh. 17:14) Ɔsomafo Paulo nso yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn wɔ eyi mu. Ná wasi ne bo sɛ obewie ne som adwuma no.—Aso. 20:24.
Ɔkasa a ɔmansin sohwɛfo bɛma no bɛkyerɛ sɛnea adawurubɔfo binom redi ɔhaw ahorow a wohyia wɔ wɔn som adwuma mu no so. Afei ɔkasa, “Hwɛ Nea Woadua no So Yiye,” no bɛtwe adwene asi sɛnea yebetumi aboa “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” no so. (Aso. 13:48) Ɔkasafo a Betel apaw no no bedi kan ne yɛn asusuw nkyekyɛm biara a ɛwɔ 2 Korintofo 6:1-10 no ho mmiako mmiako wɔ ɔkasa a ɛne “Sɛnea Yɛda Yɛn Ho Adi Sɛ Asomfo” no mu. Awiabere no, ɔne atiefo besusuw asɛmti a ɛne “Bu Wo Som Adwuma No” ho. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔkasa a wɔato din “Mpanyin ne Mmofra Monyɛ Ɔsom Adwuma No” ne “Mmabun a Wowie Wɔn Som Adwuma” no bɛhyɛ wo nkuran. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde nsu mu asubɔ yɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne wɔ ɔmansin nhyiam anaa da koro nhyiam titiriw a ɛreba no ase no ka ho asɛm kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no ntɛm ara. Ade foforo a ɛho hia wɔ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ase ne Ɔwɛn-Aban adesua no. Fa wo de a yebesua no saa dapɛn no mu no bra da koro nhyiam titiriw no ase.
Bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebewie yɛn som adwuma no, yɛbɛhwɛ sɛ yɛremma biribi foforo biara nnye bere a yɛde yɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no. Ɛsɛ sɛ Kyerɛwnsɛm mu nkuranhyɛ a yebenya afi da koro nhyiam titiriw dwumadi no mu no boa yɛn nyinaa ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na biribiara antwetwe yɛn adwene, na yɛde yɛn ani asi nea yɛreyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu so sɛnea ɛbɛyɛ a yebewie koraa.