Kyerɛkyerɛ Afoforo ma Wɔnnɔ Yehowa
1. Dɛn na ɛtwe ebinom bɛn Yehowa?
1 Wokae bere a edi kan a wotee Yehowa ho asɛm no? Dɛn na ɛkaa wo ma wobɛn no? Nnipa pii bɛka akyerɛ wo sɛ, Yehowa su ahorow, ne titiriw n’ayamhyehye ne ne dɔ ho ade a wosuae no na ɛtwee wɔn bɛn yɛn Bɔfo no.—1 Yoh. 4:8.
2, 3. Yɛbɛyɛ dɛn de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no aboa Bible asuafo ma wɔanya Yehowa ho dɔ kɛse?
2 ‘Yɛn Nyankopɔn Ni’: Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no twe adwene si Yehowa dɔ ne abusuabɔ pa a ɛsɛ sɛ ankorankoro biara ne no nya so dua. Yɛbɛyɛ dɛn de nhoma yi akyerɛkyerɛ afoforo ma ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no ayɛ kɛse? Sɛ yɛresusuw asɛm foforo bi ho a, yebetumi abisa nsɛm bi a ɛbɛma osuani no asusuw nsɛm ho, te sɛ: “Dɛn na nokwasɛm yi ma yehu wɔ Yehowa ho?” anaa “Ɔkwan bɛn so na asɛm yi da no adi sɛ, Yehowa ne Agya a oye sen biara a obiara betumi anya?” Sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔ ɔkwan a ɛte saa so a, ɛbɛma osuani no ne Yehowa afi ase anya abusuabɔ a ɛtra hɔ daa.
3 Sɛ yɛboa Bible asuafo ma wohu sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wobenya nokware Nyankopɔn a ɔte ase no ho nimdeɛ a, wobegye nea wɔaka wɔ Yesaia nhoma no mu atom sɛ, ‘yɛn Nyankopɔn ni.’ (Yes. 25:9) Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu a, ɛsɛ sɛ yesi sɛnea Yehowa nam n’Ahenni nniso a ɛhyɛ Kristo Yesu nsa no so bɛma n’atirimpɔw abam de nhyira abrɛ adesamma no so dua.—Yes. 9:6, 7.
4, 5. Dɛn na Yehowa a yɛbɛdɔ no no kyerɛ?
4 Nea Ɛkyerɛ sɛ Yɛdɔ Yehowa: Yenim sɛ, sɛ́ obi befi ne koma, ne kra, ne n’adwene nyinaa mu adɔ Yehowa no hwehwɛ pii sen sɛ obenya nkate a emu yɛ den kɛkɛ ama Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn adwene na yɛyɛ yɛn ade ma ɛne no hyia. (Dw. 97:10) Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, yebedi n’ahyɛde nyinaa so, na sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow ne ɔsɔretia mpo a yɛakɔ so ada “abrabɔ kronkron ne nyamesom pa” adi.—2 Pet. 3:11; 2 Yoh. 6.
5 Sɛ yefi ɔdɔ mu yɛ Onyankopɔn apɛde a, yɛn ani gye. (Dw. 40:8) Ɛsɛ sɛ Bible suani no hu sɛ, wɔahyehyɛ Onyankopɔn mmara ahorow nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a N’asomfo benya so mfaso daa. (Deut. 10:12, 13) Sɛ obi bɔ ne bra ma ɛne Yehowa akwankyerɛ hyia a, ɔkyerɛ sɛ n’ani sɔ Onyankopɔn nnwuma a ɛyɛ nwonwa no. Boa osuani no ma onhu sɛ, Yehowa trenee akwan a ɔbɛfa so no bɛma wakwati ɔhaw ne yaw pii.
6. Sɛ obi dɔ Yehowa a, nhyira bɛn na obetumi anya?
6 Nhyira a Wɔn a Wɔdɔ Onyankopɔn no Nya: Yehowa dwen ahobrɛasefo a wɔdɔ no no ho yiye, na oyi “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no” adi kyerɛ wɔn. (1 Kor. 2:9, 10) Sɛ wonya Yehowa atirimpɔw ho nimdeɛ a ɛte saa a, ɛma wonya daakye ho adwempa ne anidaso a edi mũ. (Yer. 29:11) Wɔn a wɔdɔ Yehowa no nya n’adɔe a ɛda nsow no so mfaso. (Ex. 20:6) Esiane ɔdɔ kɛse a Onyankopɔn wɔ ma wɔn no nti, wɔkyerɛ daa nkwa ho anidaso a wɔwɔ no ho anisɔ.—Yoh. 3:16.
7. Wote nka dɛn wɔ afoforo a wokyerɛkyerɛ wɔn ma wɔdɔ Yehowa no ho?
7 Dodow a yehu yɛn soro Agya no, dodow no ara na ɛsɛ sɛ yɛka ne ho asɛm kyerɛ afoforo. (Mat. 13:52) Hokwan kɛse bɛn ara na yɛanya sɛɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforo, titiriw no yɛn mma, ma wɔdɔ Yehowa! (Deut. 6:5-7) Ɛmmra sɛ, yɛne yɛn Bible asuafo bɛkɔ so ayi Yehowa ayɛ bere a yehu ne “papayɛ bebrebe” no.—Dw. 145:7.