Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Nov. 1
“Wususuw sɛ sɛ okununom ne ɔyerenom de Bible afotu yɛ adwuma a, ɛbɛhyɛ wɔn aware mu den? [Kenkan Hiob 31:1. Afei twɛn ma ommua.] Asɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi mu ka Bible mu asɛm a ebetumi aboa awarefo ma wɔakɔ so anya ahofama wɔ wɔn aware mu ho asɛm.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 18 no kyerɛ no.
Awake! Nov.
“Nnipa pii gye tom sɛ po mu nam resa ma ɛyɛ hu. Wudwen sɛ nnipa nniso betumi adi ɔhaw yi ho dwuma? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mateo 6:10.] Asɛm yi kyerɛkyerɛ nea enti a eyi haw adwene no bi mu ne nea Onyankopɔn bɛyɛ de asiesie tebea no.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 20 no kyerɛ no.
Ɔwɛn-Aban Dec. 1
“Edu saa bere yi a, nnipa pii ka Yesu ho asɛm. Nkɛntɛnso bɛn na wote nka sɛ Yesu anya wɔ wo so? [Twɛn ma ommua.] Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yenni Yesu nhwɛso akyi. [Kenkan 1 Petro 2:21.] Sɛ yɛyɛ saa a, ebesi yɛn yiye ma yɛn ani agye. Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ mu.”
Awake! Dec.
“Nkurɔfo adwennwen asɛmmisa yi ho mfe pii. [Fa asɛmmisa a ɛwɔ nsɛmma nhoma no anim no kyerɛ no.] Wohwɛ a, ɛhe na yebenya mmuae a ɛtɔ asom? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nea enti a yebetumi ahwehwɛ mmuae no afi Onyankopɔn hɔ. [Kenkan Dwom 100:3.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible ka wɔ asɛm yi ho.”