Ɔsatu Titiriw a Yɛde Bɛbɔ Nkaedi no Ho Dawuru!
1. Efi March 21, 2009 no, dɛn na Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ wɔ wiase nyinaa, na dɛn ntia?
1 Wɔ Yawda, April 9, 2009 no, Yehowa Nyankopɔn asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa bɛbom akae ade a Yehowa yɛ de daa ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ adesamma no. (Rom. 5:6-8) Yɛhwɛ kwan denneennen sɛ anigyefo ɔpepem pii bɛba abɛka yɛn ho ma yɛahyɛ Yesu wu no ho fã. Efi March 21 no, yɛbɛkyekyɛ Nkaedi no ho nsato nkrataa titiriw bi wɔ wiase nyinaa.
2. Sɛ worekyekyɛ nsato krataa no a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ woma ɛtena w’adwene mu?
2 Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Woma Ɛtena W’adwene Mu: Fa mfonini, nsɛmmisa, ne kyerɛwsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ nsato krataa no mu no di dwuma yiye. Sɛ nhwɛso no, wubetumi atwe adwene asi mfonini a ɛwɔ anim no so na waka sɛ: “Mepɛ sɛ meto nsa frɛ wo na wo ne yɛn bɛhyɛ Yesu wu no ho fã wɔ Yawda, April 9, 2009.” Afei, twe adwene si nsato krataa no asɛmti ne nsɛmmisa a ɛka ho no so. Bɔ mmɔden hyɛ ofiewura no nkuran sɛ ɔno nso betumi afrɛ n’abusuafo ne afoforo a ɔpɛ, ma wɔne no aba.
3. Wobɛyɛ dɛn asan akɔsra obi a wudii kan too nsa frɛɛ no wɔ ɔsatu no mu no?
3 Sɛ mo asafo no wɔ asasesin kɛse a, mpanyimfo no betumi aka akyerɛ mo ma moagyaw nsato krataa no bi wɔ wɔn a monto wɔn wɔ fie no afie mu. Sɛ edu dapɛn awiei a, fa nsɛmma nhoma ka nsato krataa no ho ma. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn a wokɔ wɔn nkyɛn sankɔhwɛ, Bible asuafo, abusuafo, wo mfɛfo sukuufo, wo mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo, ne afoforo a wɔbɛn wo. Afe a etwaam no, onuawa bi too nsa frɛɛ n’abusuafo 30, na afei bere ne bere mu no, na ɔkae wɔn sɛnea afahyɛ no ho hia. Hwɛ sɛnea n’ani gyei bere a wɔn mu 25 baa nkaedi no, na akyiri yi wɔn mu 4 penee so ma wɔne wɔn yɛɛ Bible adesua no!
4. Nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no nnɛ, na dɛn ntia?
4 Fi Nnɛ Siesie Wo Ho: Adawurubɔfo pii betumi ayɛ asɛnka adwuma no kɛse wɔ March ne April mu. Sɛ wowɔ mma anaa Bible asuafo a wɔrenya nkɔso a, eyi betumi ayɛ bere pa a wobetumi afa so abɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu. Bere aso sɛ yefi ase yɛ nhyehyɛe de yɛn ho hyɛ ɔsatu titiriw a yɛde bɛbɔ ɔdɔ akɛse abien a wɔada no adi akyerɛ yɛn no ho dawuru.—Yoh. 3:16; 15:13.