Sɛnea Yebesiesie Yɛn Ho Ama Ɔsom Nhyiam
1. Dɛn ne Ɔsom Nhyiam no atirimpɔw, na yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso?
1 Ɔsom Nhyiam no atirimpɔw ne sɛ ebesiesie yɛn ama yɛn asɛnka adwuma no atu mpɔn. Ade titiriw a yesusuw ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase ne ɔkwan a yɛbɛfa so aka Ahenni no ho asɛmpa, sɛnea yɛbɛyɛ asuafo, na yɛaka Onyankopɔn atemmu a ɛreba no ho asɛm. (Mat. 28:20; Mar. 13:10; 2 Pet. 3:7) Sɛ yesiesie yɛn ho yiye na yɛde yɛn ho hyɛ nhyiam titiriw yi mu a, ɛma yenya so mfaso.
2. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so asiesie yɛn ho akotie ɔkasa?
2 Ɔkasa: Wɔtaa kyerɛ faako a yebenya ɔkasa no ho nsɛm wɔ akwankyerɛ a wɔde ma ɔkasafo no mu. Wubetumi asusuw dwumadi no ho na woahwɛ kyerɛw nsɛm a ɛwom no mu, na afei woasusuw sɛnea wode emu nsɛm no bedi dwuma wɔ asɛnka mu no ho.
3. Dɛn na yebetumi ayɛ de asiesie yɛn ho ama asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ?
3 Asɛmmisa ne Mmuae Nkɔmmɔbɔ: Wɔde nnianim nsɛm tiawa befi dwumadi yi ase na wɔayɛ no sɛnea wɔyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no ara, na wɔde nsɛm tiawa awie. Sensan nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyɛm biara ase na siesie wo ho sɛ wobɛma mmuae tiawa a ɛtɔ asom.
4. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so asiesie yɛn ho ama atiefo nkɔmmɔbɔ?
4 Atiefo Nkɔmmɔbɔ: Wɔbɛyɛ dwumadi yi sɛ ɔkasa, nanso ɔkasafo no bebisa asɛm ma atiefo no ama ho mmuae. Sɛ wosensan nsɛntitiriw no ase na wokenkan kyerɛw nsɛm a ɛwom no a, ɛbɛma woatumi ama mmuae bere a wobisa nsɛm no. Onua a ɔreyɛ dwumadi yi bɛbɔ mmɔden biara sɛ ɔne atiefo no bɛbom asusuw nsɛntitiriw no ho.
5. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ɔyɛkyerɛ ahorow so mfaso?
5 Ɔyɛkyerɛ: Wɔbɛyɛ ɔyɛkyerɛ wɔ dwumadi ahorow no bi mu de akyerɛ sɛnea yebetumi de asɛm a yɛresusuw ho no adi dwuma ankasa wɔ asafo no asasesin mu. Wɔbɛma asafo mu mpanyimfo anaa adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw anaa akwampaefo aboa ma wɔayɛ ɔyɛkyerɛ ahorow yi. Sɛ woresiesie wo ho ama ɔfã yi a, wubetumi asusuw sɛnea wɔbɛyɛ ɔyɛkyerɛ no ho. Sɛ wɔyɛ sɛnea yebedi adanse wɔ ɔkwan bi so ho ɔyɛkyerɛ a, susuw sɛnea wubetumi adannan nyansahyɛ no mu ma afata ofiewura biara no ho. Bɔ mmɔden sɛ wode nhoma anaa nsɛmma nhoma a wɔbɛyɛ ho ɔyɛkyerɛ no bi bɛkɔ. Sɛ edu anwummere na moreyɛ mo Abusua Som no na mobobɔ nsɛm no bi so a, mubetumi anya so mfaso.
6. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma Ɔsom Nhyiam?
6 Sɛ yesiesie yɛn ho na yehu nea yɛbɛyɛ wɔ Ɔsom Nhyiam ase a, ɛma ɛyɛ anigye kɛse. Saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran kɛse. (Rom. 1:11, 12) Sɛ yegye bere siesie yɛn ho ma Ɔsom Nhyiam a, ebesiesie yɛn yiye ma yɛayɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no.—2 Tim. 3:17.