Yɛn Asɛnka Adwuma No—Ɛkyerɛ Ɔdɔ a Yɛwɔ ma Onyankopɔn
1. Dɛn na Onyankopɔn ho dɔ kaa Yesu ma ɔyɛe?
1 Ɔdɔ na ɛkaa Yesu ma ɔyɛɛ n’asɛnka adwuma no. Yesu asɛnka adwuma no fã biara di adanse pefee sɛ na ɔdɔ Yehowa. Yesu kae sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na wiase ahu sɛ medɔ Agya no, sɛnea Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, saa ara na mereyɛ.” (Yoh. 14:31) Sɛ́ Yesu akyidifo no, yɛn nso yɛwɔ hokwan sɛ yɛfa yɛn asɛnka adwuma no so da ɔdɔ kɛse a yɛwɔ ma Onyankopɔn no adi.—Mat. 22:37; Efe. 5:1, 2.
2. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka sɛnea yɛyɛ asɛnka adwuma no?
2 “Wo Din Ho Ntew”: Sɛ yɛyɛ nsi na yɛde hokwan biara a yenya ka Yehowa ne n’Ahenni nhyehyɛe no ho asɛm kyerɛ afoforo a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na yɛnam saa kwan no so boa ma wɔtew ne din ho. (Dw. 83:18; Hes. 36:23; Mat. 6:9) Sɛnea Yesu yɛɛ n’asɛnka adwuma no, saa ara na yɛn nso yɛnam asɛnka adwuma a yɛyɛ no so da no adi sɛ yefi yɛn komam pɛ sɛ wɔtew Yehowa din ho na wɔyɛ n’apɛde.—Mat. 26:39.
3. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no boa ma yedi akwanside ahorow so?
3 Ɔdɔ Boa ma Yedi Akwanside Ahorow So: Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no boro biribiara so. (1 Kor. 13:4, 7) Yesu hyiaa tebea horow wɔ n’asetena mu a anka ebetumi abu n’abam ma wagyae n’asɛnka adwuma no. Nanso bere a ohyiaa akwanside ahorow no, ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma Yehowa, ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde no, boaa no ma otumi dii ne nyinaa so. (Mar. 3:21; 1 Pet. 2:18-23) Onyankopɔn ho dɔ a yɛwɔ no betumi aboa ma yɛn nso yɛagyina nsɛnnennen ahorow a yehyia no ano. Sɛ yedi Kristo nhwɛso akyi pɛpɛɛpɛ a, ebetumi ama yɛanya ahotoso ne akokoduru de akɔ so aka asɛm no. Ɛwom sɛ abusuafo a wɔsɔre tia yɛn, ɔyare, mpanyinyɛ, anaa tie a nnipa a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no ntie yɛn no betumi ama yɛn abam abu de, nanso nneɛma a ɛte saa no ntumi mma yennyae asɛnka adwuma a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa no.
4. Hokwan bɛn na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ma yenya?
4 Ɔdɔ ano yɛ den, ma enti ɛyɛ hokwan kɛse a yɛanya sɛ yebefi yɛn koma nyinaa mu ada ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no adi wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu. (1 Kor. 13:13) Esiane sɛ yɛrebɛn bere a wɔbɛtew Yehowa din ho prɛko no ntɛmntɛm nti, momma yɛn “dɔ nkɔ so mmoro so.”—Filip. 1:9; Mat. 22:36-38.