Yɛyɛ Adansefo Bere Nyinaa
1. Dɛn na yebetumi asua afi adanse a Yesu dii ɔbea no wɔ asubura ho no mu?
1 Ná Yesu anantew akyɛ. Ná wabrɛ na na osukɔm nso de no. Bere a n’asuafo no rekɔtɔ aduan wɔ Samaria kurow no mu no, ɔtenaa asubura bi ho gyee n’ahome. Yesu ankɔ Samaria sɛ ɔrekɔka asɛm no wɔ hɔ; mmom na ɔretwam akɔ Galilea akɔtoa ne som adwuma no so. Nanso, ɔde hokwan a onyae no dii ɔbea bi a na ɔrebɛsaw nsu no adanse. (Yoh. 4:5-14) Dɛn ntia? Efisɛ Yesu da so ara yɛ Yehowa ‘dansefo nokwafo.’ (Adi. 3:14) Yɛn nso yedi Yehowa ho adanse bere nyinaa de suasua Yesu.—1 Pet. 2:21.
2. Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho adi adanse bɔnnɔ so?
2 Siesie Wo Ho: Sɛ yɛrepue na yɛde nhoma hyɛ yɛn ho a, ebetumi ama yɛadi adanse bɔnnɔ so. Adawurubɔfo pii de nkratawa hyɛ wɔn ho na wɔde ma wɔn a wɔte sotɔɔ ano, wɔn a wɔtɔn pɛtro, ne nnipa afoforo a wohyia wɔn da biara no. (Ɔsɛnk. 11:6) Onuawa bi a ɔtaa tutu akwan hwɛ hu sɛ bere nyinaa ɔde Bible ketewa ne Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bi bɛhyɛ ne bag ketewa mu, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔne wɔn a wɔtena ne nkyɛn wɔ kar mu no befi nkɔmmɔbɔ ase.
3. Yɛbɛyɛ dɛn afi nkɔmmɔbɔ ase?
3 Fi Nkɔmmɔbɔ Ase: Sɛ yɛredi adanse bɔnnɔ so a, ɛho nhia sɛ yɛde Bible mu asɛm fi ase. Yesu anna ne ho adi sɛ ɔno ne Mesia no ansa na ɔne ɔbea no refi nkɔmmɔbɔ ase wɔ abura no ho. Ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no nsu nnom kɛkɛ, na ɛno maa ɔbea no bisaa no nsɛm. (Yoh. 4:7-9) Onuawa bi kae sɛ sɛ afoforo bisa no sɛ odi dapɔnna a, ɔfa ɔkwan a ɛte saa ara so fi nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ́ anka obebua sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo nti ɔmfa ne ho nhyɛ dapɔnnadi mu no, ɔka sɛ, “M’ankasa na m’asi gyinae sɛ merenni dapɔnna.” Mpɛn pii no, sɛ wobisa onuawa no nea enti a onni a, ɔde hokwan no di adanse.
4. Dɛn nti na Mateo 28:18-20 hyɛ wo nkuran?
4 Ɛwom sɛ Yesu wiee n’asase so som adwuma a ɔde nsi yɛe no de, nanso asɛnka adwuma a wɔreyɛ nnɛ sɛnea ɔno Yesu yɛe no ho da so ara hia no paa. (Mat. 28:18-20) Enti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ Adansefo a yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛka yɛn gyidi ho asɛm wɔ baguam bere biara de asuasua yɛn Nhwɛsofo, Yesu.—Heb. 10:23.