Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban January 1
“Wunnye nni sɛ sɛ obiara de Bible mu asɛm yi di dwuma a, anka wiase bɛyɛ anigye? [Kenkan Romafo 12:18, na twɛn ma ommua.] Nanso woadwen nea enti a tete no na ɛtɔ mmere bi a Onyankopɔn ma ne nkurɔfo kɔ ɔko no ho pɛn? Asɛm yi ma yehu mmuae fann a Bible de ma.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 13 no kyerɛ no.
Awake! January
Kenkan Asomafo Nnwuma 17:31a. Afei ka sɛ: “Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ Atemmuda yɛ ade huhuuhu bi. Wo nso wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Bible kyerɛkyerɛ sɛ Atemmuda de nhyira pii bɛba asase so. Asɛm a ɛwɔ ha yi kyerɛkyerɛ mu.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 10 no kyerɛ no.
Ɔwɛn-Aban February 1
“Nnipa pii wɔ anidaso sɛ sɛ wowu a wɔbɛkɔ soro. W’adwene kyerɛ wo dɛn? [Twɛn ma ommua.] Tie nea Bible ka fa anidaso a ɛwɔ hɔ ma nnipa atreneefo pii no ho. [Kenkan Dwom 37:29.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea Bible ka fa wɔn a wɔbɛkɔ soro no ho ne nea wɔrekɔyɛ wɔ hɔ mu.”
Awake! February
“Awaregyae abu so nnɛ. Wohwɛ a awarefo dodow no ara susuw ɔhaw a awaregyae de ba no ho yiye ansa na wɔasi gyinae? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mmebusɛm 14:15.] Nsɛmma nhoma yi ka nneɛma anan a ɛsɛ sɛ awarefo susuw ho bere a wɔpɛ sɛ wogyae aware no.”