Kyerɛ Hokwan a Woanya De Reka Asɛm no Ho Anisɔ
1. Nnipa pii a wɔwɔ wiase no mu no bu yɛn asɛnka adwuma no dɛn?
1 Nnipa pii a wɔwɔ Satan wiase no mu no bu yɛn asɛnka adwuma no sɛ ɛyɛ “nkwaseasɛm.” (1 Kor. 1:18-21) Sɛ yɛanhwɛ yiye a, adwene a ɛnteɛ yi betumi abu yɛn abaw mu na yɛagow yɛn nsa mu wɔ adwuma no ho. (Mmeb. 24:10; Yes. 5:20) Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ hokwan a yɛanya sɛ Yehowa Adansefo no ho anisɔ?—Yes. 43:10.
2. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ asɛnka adwuma no yɛ “adwuma kronkron”?
2 “Adwuma Kronkron”: Ɔsomafo Paulo kaa asɛnka adwuma no ho asɛm sɛ ɛyɛ “adwuma kronkron.” (Rom. 15:15, 16) Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no yɛ “adwuma kronkron”? Asɛnka adwuma a yɛyɛ no ma yɛbɛyɛ Yehowa, “Ɔkronkronni” no “mfɛfo adwumayɛfo,” na ɛboa ma yɛtew ne din ho. (1 Kor. 3:9; 1 Pet. 1:15) Yehowa bu yɛn asɛnka adwuma no sɛ “ayeyi afɔre,” ma enti asɛnka adwuma no yɛ yɛn som no fã a ɛho hia paa.—Heb. 13:15.
3. Dɛn nti na asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no yɛ hokwan kɛse?
3 Asɛmpaka adwuma no yɛ hokwan kɛse a wɔde ama nnipa kakraa bi pɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ wɔde adwuma yi maa abɔfo a, anka wɔde anigye bɛyɛ no yiye ma aboro so. (1 Pet. 1:12) Nanso, Yehowa apaw yɛn nnipa a yɛnyɛ pɛ, yɛyɛ “anwenne,” de hokwan a ɛso bi nni yi ama yɛn!—2 Kor. 4:7.
4. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ asɛnka adwuma no som bo ma yɛn?
4 Ade a Ɛho Hia Paa: Esiane sɛ hokwan a yɛde ka asɛm no som bo ma yɛn nti, yebu no sɛ ɛyɛ “nneɛma a ehia koraa” wɔ yɛn asetenam no mu biako. (Filip. 1:10) Ɛno nti, yɛyɛ nhyehyɛe de yɛn ho hyem nnawɔtwe biara. Sɛ odwontofo bi nya hokwan sɛ ɔne wiase no mu nnwontofo kuw bi a wɔagye din bɛbɔ nnwom a, obesiesie ne ho yiye ama dwumadi no mu biara, na ɔbɛhwɛ sɛ obetu mpɔn wɔ ne dwumadi mu. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ yedi kan siesie yɛn ho ansa na yɛakɔ asɛnka sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ‘akura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ,’ na ama ɔkwan a yɛfa so ‘kyerɛkyerɛ no atu mpɔn.’—2 Tim. 2:15; 4:2.
5. Hena na n’ani sɔ asɛnka adwuma a yɛyɛ no?
5 Mma asɛm no ho anigye a nnipa dodow no ara nkyerɛ no mmu w’abaw mu. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ nnipa pii da so ara wɔ yɛn asasesin no mu a wɔn ani gye ho sɛ yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn. Nanso ɛnyɛ nnipa anim dom na yɛrehwehwɛ. Sɛnea Yehowa te nka no ne ade a ɛho hia yɛn sen biara, na yenim sɛ n’ani sɔ nsi a yɛde yɛ yɛn adwuma no paa.—Yes. 52:7.