Yɛka Asɛm no Bere Nyinaa
1. Yɛyɛ dɛn hu sɛ afeha a edi kan no mu asɛmpakafo no kaa asɛm no bere nyinaa?
1 Afeha a edi kan no mu asɛmpakafo a wɔyɛ nsi kaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo wɔ baabiara a wohuu wɔn a “wɔannyae.” (Aso. 5:42) Enti yɛrentumi nka sɛ, sɛ wɔreyɛ afie afie asɛnka adwuma no a, wobetwa nkurɔfo a wohyia wɔn wɔ kwan so no ho akɔ a wɔrenka asɛm no bi nkyerɛ wɔn. Saa ara nso na na wɔremmu wɔn ani ngu hokwan a wonya sɛ wobedi adanse bɔnnɔ so no so bere a wɔapɔn asɛnka na wɔretotɔ nneɛma wɔ gua so no. Wɔkaa asɛm no bere nyinaa te sɛ nea Yesu yɛe no.—Mar. 6:31-34.
2. Dɛn na edin a ɛda yɛn so no Kyerɛ?
2 Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Krado sɛ Yɛbɛka Asɛm no Bere Nyinaa: Yɛn din Yehowa Adansefo no nkyerɛ nea yɛyɛ kɛkɛ; na mmom ɛkyerɛ nnipa ko a yɛyɛ nso. (Yes. 43:10-12) Enti sɛ ɛnyɛ afie afie asɛnka na yɛreyɛ mpo a, yɛayɛ krado bere nyinaa sɛ yɛde anoyi bɛma wɔ anidaso a yɛwɔ no ho. (1 Pet. 3:15) So wudi kan dwen tebea horow a ɛbɛma woatumi adi adanse bɔnnɔ so no ho, na afei wususuw nea wobɛka ho? Wode nhoma hyɛ wo ho na ama wo ne wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye abɔ mu nkɔmmɔ? (Mmeb. 21:5) Woka asɛmpa no wɔ afie afie nkutoo, anaasɛ sɛ tebea no ma kwan a, woka kyerɛ nkurɔfo wɔ mmeae foforo nso?
3. Edin a ɛfata paa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde frɛ asɛm a yɛka wɔ mmɔnten so, baabi a wɔde kar sisi, mmeae a nkurɔfo tena gye wɔn ahome, nnwumam ne nea ɛkeka ho no?
3 “Baguam” Adansedi: Ɔsomafo Paulo kae sɛ na ɔka asɛm no wɔ “baguam” ne afie afie. (Aso. 20:20) Enti “baguam” adansedi bɛyɛ edin a ɛfata a yɛde bɛfrɛ asɛm a yɛka wɔ mmɔnten so, baabi a wɔde kar sisi, mmeae a nkurɔfo tena gye wɔn ahome, nnwumam ne nea ɛkeka ho no. Nokwasɛm ne sɛ, afie afie asɛnka adwuma no da so ara yɛ ɔkwan a etu mpɔn sen biara a yɛfa so ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Nanso, afeha a edi kan no mu asɛmpakafo de wɔn adwene sii nnipa so, na ɛnyɛ afie. Wɔde hokwan biara a wonyae no kaa nokware no ho asɛm wɔ—baguam, bɔnnɔ so, ne afie afie. Enti momma yɛn nso yɛnyɛ saa ara na ama yɛatumi ayɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ.—2 Tim. 4:5.